1 Na Elisa aka akyerɛ ɔbea a onyan ne ba no se, “Wo ne wo fifo ntu nkɔ baabi foforo, efisɛ
3 Ɔkɔm no twaa mu no, ɔsan baa Israel asase so, kohuu ɔhene no sɛ ɔregye ne fi ne nʼasase. 4 Na ɔhene no ne Gehasi a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no somfo rekasa. Na ɔhene no rebisa se: Ka nneɛma akɛse a Elisa ayɛ no bi kyerɛ me. 5 Saa bere no ara na na Gehasi reka nyan a Elisa nyan abarimaa bi no ho asɛm akyerɛ no. Bere koro no ara mu na abarimaa no na kɔɔ ɔhene no anim, kɔsrɛɛ ɔhene no se ɔmfa ne fi ne ne dan mma no no.
6 Ɔhene no bisaa ɔbea no se, “Ɛyɛ nokware ana?” Ɔbea no buae se ɛyɛ ampa. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ ne mpanyimfo no mu baako se ɔnhwɛ na biribiara a wahwere no, wɔmfa mma no. Ne nnɔbae a wotwae a na onni hɔ nyinaa, wɔde maa no.
7 Na Elisa kɔɔ Damasko a ɛyɛ Aram kuropɔn no mu a na ɔhene Ben-Hadad yare da no. Obi ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Onyankopɔn nipa no aba hɔ,” 8 na ɔka kyerɛɛ Hasael se, “Fa akyɛde kɔma Onyankopɔn nipa no. Na ka kyerɛ no, na ommisa
9 Na Hasael hyehyɛɛ yoma aduanan so nnepa a efi Damasko,[b] sɛ akyɛde a ɔde rekɔma Elisa. Ɔkɔɔ ne nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Wo somfo Ben-Hadad a ɔyɛ Aramhene asoma me wo nkyɛn se mimmebisa se, ‘Menya ahotɔ ana?’ ”
10 Na Elisa ka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kɔka kyerɛ no se, ‘Wubenya ahotɔ.’ Nanso
13 Na Hasael buae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, betumi adi dwuma kɛse a ɛte sɛɛ yi?”
14 Bere a Hasael san kɔe no, ɔhene no bisaa no se, “Asɛm bɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?”
16 Ɔhene Yehosafat babarima Yehoram bedii Yuda so bere a ɔhene Yoram adi ade wɔ Israel mfe anum. Na Yoram yɛ Ahab babarima. 17 Bere a Yehoram dii hene no, na wadi mfe aduasa abien. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. 18 Nanso Yehoram dii Israel ahemfo anammɔn akyi. Na ɔyɛ omumɔyɛfo te sɛ ɔhene Ahab, efisɛ na waware Ahab mmabea no mu baako. Na Yehoram yɛɛ nea na ɛyɛ bɔne wɔ
20 Yehoram bere so na Edomfo sɔre tiaa Yuda, na wosii wɔn ankasa wɔn hene. 21 Enti Yehoram faa ne nteaseɛnam nyinaa, kɔtow hyɛɛ Sair kurow so. Edomfo twaa ɔne ne nteaseɛnamkafo ho hyiae, nanso ɔfaa anadwo sum no mu guanee. Yehoram asraafo nso guanee. 22 Edom atew Yuda so atua de besi nnɛ. Saa bere no ara mu na Libna kurow nso sɔre tiae.
23 Nsɛm a esisii wɔ Yehoram ahenni mu ne nea ɔyɛe nyinaa no wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 24 Bere a Yehoram wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Ahasia na odii nʼade sɛ ɔhene.
25 Yehoram babarima Ahasia fii ase dii hene wɔ Yuda wɔ ɔhene Yoram[c] adedi wɔ Israel ne mfe dumien mu no mu. Na Ahab babarima ne ɔhene Yoram no. 26 Bere a Ahasia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien, na odii ade wɔ Yerusalem afe. Ne na ne Atalia a na ɔyɛ Israelhene Omri nena. 27 Ahasia dii amumɔyɛsɛm, dii bɔne a ɔhene Ahab fifo yɛe no anammɔn akyi. Ɔyɛɛ amumɔyɛsɛm wɔ
28 Ahasia de ne ho kɔbɔɔ Israelhene Yoram ho wɔ ne ko a ɔko tiaa Aramhene Hasael wɔ Ramot-Gilead no. 29 Bere a wopiraa ɔhene Yoram wɔ ɔko no mu no, ɔsan baa Yesreel sɛ ɔrebɛsa nʼapirakuru no. Bere a Yoram wɔ hɔ no, Yudahene Ahasia kɔsraa no.
<- 2 Ahemfo 72 Ahemfo 9 ->