5 Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 6 Bere a Yehoiakim wui no, ne babarima Yehoiakyin na odii nʼade sɛ ɔhene.
7 Misraimhene ansan amma bio, efisɛ na Babiloniahene afa nsase a anka na Misraimfo no agye no nyinaa, efi Misraim asuwa no so, kosi Asubɔnten Eufrate ho.
8 Bere a Yehoiakyin dii ade no, na wadi mfe dunwɔtwe, na odii hene wɔ Yerusalem asram abiɛsa. Na ne na yɛ Elnatan a ofi Yerusalem no babea Nehusta. 9 Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ
10 Yehoiakyin ahenni mu no, Babiloniahene Nebukadnessar asraafo mu mpanyimfo betuaa Yerusalem ano. 11 Otua no mu no, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu. 12 Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufo, atitiriw, mpanyimfo ne ɔhemmea de wɔn ho maa Babiloniafo. Nebukadnessar dii ade ne mfe awotwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin de no too afiase. 13 Sɛnea
15 Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanyimfo, ɔhemmea ne Yerusalem nnipa atitiriw ka ho. 16 Ɔfaa akofo a wɔte apɔw no mpem ason, adwumfo ne atomfo apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodi. 17 Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii ade sɛ ɔhene foforo. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia.
18 Bere a Sedekia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. 19 Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ