1 Ahas babarima Hesekia fii ase dii hene wɔ Yuda no, na Ela babarima Hosea adi hene wɔ Israel mfe abiɛsa. 2 Odii hene no na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonu akron. Na ne na yɛ Sakaria babea a wɔfrɛ no Abi. 3 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ
5 Hesekia de ne ho too
9 Hesekia ahenni no mfe anan so a na ɔhene Hosea nso wɔ nʼahenni wɔ Israel mfe ason mu no, Asiriahene Salmaneser kotuaa Israel ano, fii ase kaa Samaria kuropɔn hyɛe. 10 Mfe abiɛsa akyi a, na ɔhene Hesekia adi ade mfe asia a, na ɛyɛ ɔhene Hosea nso adedi wɔ Israel mfe akron mu no, Samaria bɔe. 11 Saa bere no, Asiriahene twaa Israelfo no asu kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan konkɔn so ne nkurow akɛse a ɛwɔ Media mu. 12 Efisɛ wɔantie
13 Ɔhene Hesekia adedi mfe dunan so, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda nkurow a na wɔabɔ ho ban no so, dii wɔn so nkonim. 14 Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis se, “Mayɛ mfomso. Sɛ wubefi ha akɔ nko ara de a, sonkahiri biara a wubegye me no, metua.” Na Asiriahene bisaa mpata a ɛboro dwetɛ tɔn dubaako ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔn baako. 15 Enti ɔhene Hesekia de dwetɛ a wɔakora no wɔ
17 Eyinom nyinaa akyi no, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraafodɔmhene ne nʼananmusini fii Lakis ne asraafodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia[a] so wɔ Yerusalem. Asiriafo no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtare nsu a ɛbɛn ɔkwan a ɛde kɔ faako a wɔpa ntama ani no ho. 18 Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanyimfo yi sɛ wonkohyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfi hɔ so, ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfi abakɔsɛm kyerɛwfo.
19 Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Hesekia se,
26 Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no se, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte ase yiye. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, efisɛ nnipa a wɔwɔ fasu no so no bɛte.”
27 Na Senaherib nanmusini no buae se, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wobetua kuropɔn yi. Ɔkɔm ne osukɔm werɛmfo bɛde nkurɔfo no ara kosi sɛ, wobedi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”
28 Afei, ɔsɔre gyinae, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasu no so se, “Muntie nkra a efi Asiria ɔhene kɛse no nkyɛn! 29 Sɛnea ɔhene se ni: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfi me tumi ase. 30 Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkae se, ‘
31 “Munntie Hesekia. Nea Asiriahene ka ni: Mo ne me nyɛ asomdwoe nhyehyɛe na mommra me nkyɛn. Na afei, mɛma mo mu biara adi ɔno ankasa bobe ne borɔdɔma na woanom nsu afi ɔno ankasa abura mu. 32 Na mɛyɛ nhyehyɛe de mo akɔ asase foforo bi a ɛte sɛ eyi so. Ɛyɛ ɔman a atoko, nsa, brodo, bobe nturo, ngonnua ne ɛwo abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na munyi owu akwa!
36 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuae biara, efisɛ na Hesekia aka akyerɛ wɔn se wɔnnkasa.
37 Afei Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so, Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntade mu, kɔkaa nea ɔsahene no aka akyerɛ no no.
<- 2 Ahemfo 172 Ahemfo 19 ->-
a Nsuka a ɛnam asase ase a Hesekia tui no ma wonyaa nsu fii Asubɔnten Gihon mu.