1 Bere a Yehu babarima Yehoahas fii ase dii hene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi ade mfe aduonu abiɛsa wɔ Yuda. Odii ade mfe dunson wɔ Samaria. 2 Nanso ɔyɛɛ bɔne wɔ
4 Na Yehoahas bɔɔ
7 Na Yehoahas asraafo no so atew abɛyɛ apɔnkɔsotefo aduonum, nteaseɛnam du ne anammɔnmufo asraafo mpem du. Na Aramhene akunkum nkae no ayɛ wɔn sɛ awiporowbere mfutuma wɔ ne nan ase.
8 Yehoahas ahenni mu nneɛma a esisii, dwuma a odii ne nea ne tumidi kɔpem nyinaa, wɔankyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 9 Bere a Yehoahas wui no, wosiee no wɔ Samaria wɔ ne mpanyimfo nkyɛn. Na ne babarima Yehoas[a] dii nʼade sɛ ɔhene.
10 Yehoahas babarima Yehoas fii ase dii Israel so wɔ bere a na ɔhene Yoas adi ade wɔ Yuda ne mfe aduasa ason so. Odii ade wɔ Samaria mfe dunsia. 11 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ
14 Bere a owuyare bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na osuu no se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!”
15 Elisa ka kyerɛɛ no se, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ nea ɔkae no. 16 Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no se ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so.
17 Afei, ɔhyɛe se, “Bue mfɛnsere a ɛkyerɛ apuei fam no.” Na obuei. Na ɔkae se, “Tow!” Na ɔtowee.
20 Elisa wui, na wosiee no. Na Moabfo afowfo kɔfom asase no so nneɛma afe biara. 21 Bere bi a Israelfo resie obi no, wohuu afowfo bi. Ɛno nti, wɔyɛɛ no ntɛm tow amu no kyenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufo no nyanee, huruw gyinaa ne nʼanan so!
22 Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfo so bere a Ɔhene Yehoahas dii ade no nyinaa. 23 Nanso
24 Afei, Aramhene Hasael wui, na ne babarima Ben-Hadad bedii nʼade sɛ ɔhene. 25 Na Yehoahas babarima Yehoas san kogyee nkurow a Hasael gyigye fii nʼagya Yehoahas nsam no. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyigyee Israel nkurow no.
<- 2 Ahemfo 122 Ahemfo 14 ->-
a Oyi dii ade wɔ Israel na ne din wɔ Hebri kasa mu ne Yoas