1 Bere a Yudahene Ahasia, ne na Atalia tee sɛ ne babarima no awu no, ɔkɔe sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no. 2 Nanso Ahasia nuabea Yehoseba[a] a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas,[b] yii no fii ɔhene no mma a anka wɔrebekunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne gyigyefo kohintaw pia bi mu, sɛnea Atalia renhu no. Ɛno nti, wɔannya abofra no ankum no. 3 Yoas ne nea ogyigye no no hintaw wɔ
4 Atalia adedi mfe ason mu no, ɔsɔfo Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifo[c] asraafo apaafo ne awɛmfo baa
5 Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Mo mu nkyɛmu abiɛsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfi no. 6 Nkyɛmu abiɛsa mu baako nso, nwɛn wɔ Sur pon no ano. Na nkyɛmu abiɛsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfi no akyi. Saa akuw abiɛsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfi no. 7 Akuw abien a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn
9 Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafo a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfo Yehoiada anim. 10 Ɔmaa wɔn mpeaw ne nkatabo a na bere bi ɛyɛ ɔhene Dawid de a na wɔakora wɔ
12 Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pue hyɛɛ no ahenkyɛw. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛso no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teɛteɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!”
13 Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfo no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ
15 Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no sɛ, “Momfa no mfi asɔredan mu ha, na munkum obiara a ɔpɛ sɛ ogye no. Munnkum no wɔ
17 Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ
21 Yoas bedii ade no, na wadi mfirihyia ason.
<- 2 Ahemfo 102 Ahemfo 12 ->-
a Ɛsono Yehoseba ne na na ɛsono Atalia nso ne na. Na Yehoseba yɛ Ɔsɔfopanyin Yehoia yere (2 Be 22.11). Ɛno nti na otumi de Yoas siee Asɔredan mu a na ɛyɛ ɔsɔfo no pia mu no.
b Na Yoas nnii afe nti na wontwaa no nufu ɛ (nkyekyɛmu 31; 12.1).
c Na Karifo yɛ ahɔho asraafo a wɔbɔ wɔn paa a wofi Asia Kumaa mu. Wɔn na wobesii Keritifo anan wɔ Dawid bere so (2 Sam 8.18).