1 Na Ahab wɔ mmabarima aduɔson a wɔtete Samaria.[a] Na Yehu kyerɛw krataa, kyekyɛ maa kurow no mpanyimfo, ntuanofo ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmabarima no so no. Na krataa no ka se, 2 “Ɔhene mmabarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kurow a wɔabɔ ho ban ne akode nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a, 3 munyi ɔhene Ahab mmabarima no mu nea ɔfata a ɔwɔ mu no, na munsi no mo so hene, na munsiesie mo ho nko mma Ahab fi.”
4 Nanso wɔbɔɔ huboa kae se, “Ahemfo baanu[b] mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na dɛn na yebetumi ayɛ?”
5 Enti mpanyimfo a wɔhwɛ ahemfi hɔ ne kurow no so ne ntuanofo ahorow no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmabarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu se, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Nea wususuw sɛ eye biara no, yɛ.”
6 Yehu kyerɛw krataa a ɛto so abien de buae se, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mubetie mʼasɛm de a, ɔkyena sesɛɛ mmere mu, momfa ɔhene no mmabarima ti mmrɛ me wɔ Yesreel.”
9 Ade kyee no, ɔkɔkasa kyerɛɛ dɔm a wɔahyia hɔ no se, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo sobo. Me na mebɔɔ pɔw, de tiaa me wura, nam so kum no. Na hena na okunkum eyinom? 10 Nea ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a efi
12 Na Yehu fii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nguanhwɛfo ahɔhodan mu. 13 Ohyiaa Yudahene Ahasia abusuafo bi. Obisae se, “Moyɛ hefo?”
14 Yehu teɛɛ mu, ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan abien no nyinaa kunkum wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wannyaw wɔn mu biara.
15 Bere a Yehu fii hɔ no, ohyiaa Rekab[c] babarima Yehonadab a na ɔrebehyia no. Wokyiakyiaa wɔn ho wiei no, Yehu bisaa no se, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛnea mewɔ wo ho adwene pa no ana?”
17 Bere a Yehu duu Samaria no, okunkum Ahab fifo a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛnea
18 Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn se, “Ahab som Baal kakra; Yehu bɛsom no yiye. 19 Momfrɛ Baal adiyifo, asomfo ne nʼakɔmfo nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, efisɛ merebɛbɔ Baal afɔre kɛse. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wobekum no.” Na Yehu redaadaa wɔn, sɛnea ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa.
20 Afei, Yehu hyɛe se, “Munhyia, mmɔ gua anibere so, na monsɔre Baal!” Enti wɔyɛɛ saa. 21 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel mmaa nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfi[d] hɔ ma tɔ, fi ti kosi ti. 22 Na Yehu hyɛɛ nea ɔhwɛ ntadedaka no so no se, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn.
23 Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfi hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfo no se, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfo no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom
25 Yehu wiee ɔhyew afɔre no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfo ne ne mpanyimfo no se, “Munkokunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nguan!” Enti wɔde wɔn afoa kunkum wɔn nyinaa. Na awɛmfo no ne mpanyimfo no twee wɔn amu no beguu abɔnten. Yehu asraafo no kɔɔ Baal abosomfi no aban mu. 26 Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. 27 Wobubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfi no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfo agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de besi nnɛ.
28 Yehu nam saa ɔkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu. 29 Nanso Yehu ansɛe sika nantwimma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no; wantwe ne ho amfi bɔne kɛse a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no ho.
30 Na
32 Saa mmere no,
34 Na Yehu ahenni mu nsɛm a esisii, ne dwuma ahorow a odii ne nea otumi yɛe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
35 Bere a Yehu wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na odii nʼade sɛ ɔhene. 36 Nna a Yehu de dii Israel so wɔ Samaria no yɛ mfe aduonu awotwe.
<- 2 Ahemfo 92 Ahemfo 11 ->-
a Na Samaria yɛ Atifi Ahemman no kuropɔn fi Ɔhene Omri bere so (1 Ah 16.24).
b Ahemfo baanu a wɔreka wɔn ho asɛm yi yɛ Yoram ne Ahasia (9.22-28).
c Na Rekabfo no yɛ Rekab asefo a na wɔda so te ase wɔ Yeremia bere so (Yer 35.6,8). Na wɔpɛ sɛ wɔbɛn Awurade yiye. Na wodi atutena. Na wɔyɛ Kenifo a Yetro a na ɔyɛ Mose agya nsiananmu ase fi wɔn mu.
d Ahab na osii Baal abosomfi no (1 Ah 16.32).