1 Yosia bedii ade no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduasa baako. 2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ
3 Yosia fii ase hwehwɛɛ ne tete agya Dawid Nyankopɔn akyi kwan bere a na ɔda so yɛ abofra a wadi ade mfe awotwe no. Ne mfe dumien so no, odwiraa Yuda ne Yerusalem, sɛee abosonsom nsɔree so nyinaa, Asera nnua, ahoni a wɔasen ne nsɛsode a wɔagu no nyinaa. 4 Ɔhwɛ ma wobubuu Baal afɔremuka no ne nnuhuam afɔremuka no nyinaa gui. Ɔma wɔdwerɛw Asera nnua ne ahoni nyinaa, na wɔtow petee awufo a wɔbɔɔ saa afɔre no nna so. 5 Ɔhyew akɔmfo no nnompe no wɔ wɔn ankasa afɔremuka so, nam so dwiraa Yuda ne Yerusalem. 6 Ɔyɛɛ saa ara wɔ Manase, Efraim ne Simeon nkurow so de koduu Naftali. 7 Ɔsɛee abosonsomfo afɔremuka, Asera nnua, na ɔyam ahoni no muhumuhu. Odwiriw nnuhuam afɔremuka a ɛwɔ Israelman mu nyinaa, na ɔsan kɔɔ Yerusalem.
8 Nʼadedi mfe dunwɔtwe so no a owiee asase no ne asɔredan no ho dwira no, Yosia yii Asalia babarima Safan, Maaseia a ɔyɛ Yerusalem amrado ne Yoahas babarima Yoa, adehye abakɔsɛm kyerɛwfo, sɛ wonsiesie
9 Wɔde sika a Lewifo a wɔsom sɛ aponanohwɛfo agyigyee wɔ Onyankopɔn Asɔredan ho no maa ɔsɔfopanyin Hilkia. Manase ne Efraim nkurɔfo ne Israel nkae nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfo na wɔde akyɛde no bae. 10 Ɔde sika no maa nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ, nsiesie
12 Adwumayɛfo no de nokwaredi yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifo a wofi Merarifo abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifo a wofi Kohatfo abusua mu na wɔhwɛɛ adwumayɛfo no so. Lewifo a wɔaka a wɔn nyinaa wɔ nnwontode ho nimdeɛ no, 13 wɔma wɔhwɛɛ adwumayɛfo akuw ahorow no so. Na afoforo bi nso yɛɛ adwuma sɛ akyerɛwfo, mpanyimfo ne aponanohwɛfo.
14 Na ɔsɔfopanyin Hilkia rekyerɛkyerɛw sika a wɔagyigye wɔ
16 Safan de nhoma mmobɔwee no kɔmaa ɔhene kae se, “Wo mpanyimfo no reyɛ biribiara a wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. 17 Wɔatua sika a wogyigyee wɔ
19 Bere a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu. 20 Ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se, 21 “Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne
22 Hilkia ne mmarima a wɔaka no kɔɔ odiyifobea Hulda a na ɔyɛ Tikwat babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nena nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ se Misne.
23 Ɔbea no ka kyerɛɛ wɔn se, “
29 Na ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem ntuanofo nyinaa. 30 Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo nyinaa ne asɔfo ne Lewifo, nnipa no nyinaa, fi ɔkɛse so kosi akumaa so, kɔɔ
32 Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no se, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn apam no mu.
33 Enti Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwade no fii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom