1 Yotam dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Na ne na a ɔyɛ Sadok babea no din de Yerusa. 2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ
5 Yotam tuu Amonfo so sa, dii wɔn so nkonim. Mfe abiɛsa a edi kan no de, ogyee wɔn sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn 3.4, awi susukoraa mpem aduonum ne atoko susukoraa mpem aduonum.
6 Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛse, efisɛ ɔde ahwɛyie yɛɛ osetie maa
7 Yotam ahenni ho nsɛm nkae a nʼakodi ne ne nneyɛe ahorow ka ho no, wɔakyerɛw agu Israel ne Yuda ahemfo nhoma mu. 8 Odii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. 9 Yotam wui no, wosiee no Dawid kurom. Ne babarima Ahas, na odii nʼade sɛ ɔhene.
<- 2 Beresosɛm 262 Beresosɛm 28 ->