1 Yuda manfo de Amasia babarima Usia a na wadi mfe dunsia tenaa ahengua so sɛ wɔn hene foforo. 2 Usia agya wu akyi no, ɔsan kyekyeree Elot kurow no, na ɔdan maa Yuda. 3 Usia dii ade no, na wadi mfirihyia dunsia, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na a ofi Yerusalem no din de Yeholia. 4 Na ɔteɛ wɔ
6 Otuu Filistifo so sa, na obubuu Gat, Yabne ne Asdod afasu. Na ɔkyekyeree nkurow afoforo wɔ Asdod fam ne mmeaemmeae bi a ɛwɔ Filistia. 7 Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifo koe no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfo a wɔwɔ Gur Baal koe ne Meunifo ko mu nso, ɔboaa no. 8 Meunifo no tuaa sonkahiri maa no, na ne din hyeta koduu Misraim, efisɛ na ɔwɔ tumi a ɛso.
9 Usia[a] sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɔtwɔw Pon ano, Obon Pon ano ne ɔfasu no ntwea mu no. 10 Ɔsan sisii abankɛse wɔ sare so, tutuu mmura bebree, efisɛ na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔw ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfo bebree a wɔhwɛ ne mfuw ne ne bobeturo a ɛwɔ mmepɔw no nsian mu ne obon nsasebere no so.
11 Na Usia wɔ asraafo a wɔyɛ akofo akɛse a wɔwɔ akodi mu ntetewee. Na wɔyɛ akuw akuw a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ asraafodɔm no kyerɛwfo, ne ne boafo Maaseia na wɔboaboa akofo kuw kɛse yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanyimfo no mu baako ase. 12 Mmusua ntuanofo mpenu ahansia na na wɔma saa akofo abenfo yi akwankyerɛ. 13 Na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa ne ason, ahannum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfo biara. 14 Usia maa asraafodɔm no nyinaa nkatabo, mpeaw, nnadekyɛw, agyiraehyɛde, bɛmma ne ahwimmo abo. 15 Afei, abenfo bi yɛɛ mfi de sisii Yerusalem afasu no so a ɛtow agyan ne abo fi abantenten no so ne fasu twɔtwɔw so. Nʼanuonyam hyetae, efisɛ Awurade boaa no yiye kosii sɛ onyaa tumi kɛse.
16 Nanso onyaa tumi kɛse no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so ma ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa
19 Usia bo fuw yiye, na wamfa nnuhuamhyew kuruwa a na okura no ansi fam. Ɔne asɔfo no gyina nnuhuam afɔremuka no anim wɔ
-
a Usia dii nkonim wɔ anafo-apuei ne anafo-apuei fam. Israelhene oniɔdenfo Yeroboam II nso hwɛɛ Yuda atifi fam so.