1 Filistifo no boaboaa wɔn asraafo nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfo nso kɔkyeree nsraban wɔ asuti bi ho wɔ Yesreel. 2 Bere a Filistifo ntuanofo de wɔn asraafo akuwakuw ɔha ɔha mu ne mpempem retu ɔsa no, na Dawid nso ne ne dɔm retu ɔsa wɔ wɔn akyi a, Akis ka wɔn ho. 3 Filistifo asahene no bisae se, “Dɛn na Hebrifo yi reyɛ wɔ ha?”
4 Na Filistifo asahene no bo fuw no kae se, “Ma ɔbarima no nsan nkɔ, sɛnea ɔbɛkɔ faako a wode maa no no. Ɛnsɛ sɛ ɔka yɛn ho kɔ ɔko no, efisɛ sɛ anhwɛ a, ɔbɛdan nʼani ako atia yɛn wɔ ɔko no mu. Ɔkwan foforo bi nni hɔ a ɔbɛfa so ne ne wura Saulo aka abɔ mu a ɛbɛma no ako atia yɛn ana? 5 Ɛnyɛ saa Dawid yi na wɔtoo dwom faa ne ho wɔ wɔn asaw mu se:
6 Na Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no se, “Mmere dodow a
8 Dawid bisae se, “Dɛn na mayɛ a ɛsɛ sɛ wɔde me fa saa ɔkwan yi so? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ meko tia me wura ɔhene no atamfo?”
9 Nanso Akis gyinaa mu pintinn kae se, “Me nko ara me fa mu de, woyɛ pɛpɛ te sɛ Onyankopɔn bɔfo. Nanso asahene no suro sɛ wɔde wo bɛka wɔn ho wɔ ɔko mu. 10 Enti sɔre anɔpahema, na wo ne wo mmarima no nkɔ bere a anim retetew no.”
11 Na Dawid san kɔɔ Filistifo asase so, na Filistifo asraafo no nso kɔɔ Yesreel.
<- 1 Samuel 281 Samuel 30 ->