1 Da bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔsoa nʼakode se, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifo no apee so wɔ hɔ no.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya. 2 Saa bere no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere nsraban wɔ Gibea nkwantia wɔ atoaa dua a ɛwɔ Migron no ase. 3 (Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade sɔfo a na ɔhyɛ sirikyi asɔfotade no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nena nso. Na Eli yɛ Awurade sɔfo a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afi Israel nsraban mu hɔ.
4 Ansa na Yonatan beduu Filistifo nsraban mu no, na ɛsɛ sɛ osian fa abotan mmepɔw abien bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. 5 Ɔbotan a etweri hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na nea ɛwɔ anafo fam no nso ɛkyerɛ Geba anim.
6 Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔyɛ nʼakodekurafo no se, “Ma yentwa mu nkɔ abosonsomfo no nkyɛn. Ebia,
7 Aberante no kae se, “Yɛ nea wugye di sɛ eye biara. Gyinae biara a wubesi no, metaa wʼakyi pintinn.”
8 Yonatan kae se, “Eye, yebetwa mu akɔ hɔ, na yɛama wɔahu yɛn. 9 Na sɛ wɔka se, ‘Munnyina faako a moadu hɔ ara na anyɛ saa a, yebekum mo’ a, ɛno de, yebegyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn. 10 Na sɛ wɔka se, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛno de, yɛbɛforo akɔ soro. Ɛbɛyɛ
12 Na wɔteɛɛ mu frɛɛ Yonatan se, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Bra; foro di mʼakyi na
13 Enti wɔde wɔn nsa abien ne wɔn anan foroe, na Yonatan ne nʼakodekurafo no kunkum Filistifo no benkum ne nifa. 14 Wokunkum mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase a ne trɛw bɛyɛ sɛ eka fa so. 15 Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifo asraafo no wɔ nsraban no mu ne akono hɔ nyinaa, na ɛkaa afowfo no mpo. Ɛhɔ ara asase wosow maa obiara koma tui.
16 Saulo awɛmfo a wɔwɔ Gibea no huu biribi a ɛyɛ wɔn nwonwa. Ɛno ara ne sɛ, Filistifo asraafo no abɔ ahwete mmaa nyinaa. 17 Afei, Saulo ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no se, “Monhwɛ asraafo no mu nhwɛ sɛ obi nni hɔ ana.” Wɔhwehwɛ huu sɛ Yonatan ne nʼakodekurafo no na na wonni hɔ.
18 Saulo ka kyerɛɛ Ahiya se, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa bere no na ɛwɔ Israelfo nkyɛn.) 19 Bere a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfo no, na basabasa a asi Filistifo nsraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfo no se, “Gyae! Ma yɛnkɔ.”
20 Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so fii akono hɔ kohuu sɛ, Filistifo no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasa nko ara. 21 Mpo, Hebrifo a na wɔdɔm Filistifo asraafo no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfo nkae no. 22 Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛw wɔ mmepɔw mu no huu sɛ Filistifo no reguan no, bɛkaa ho taa wɔn bi. 23 Enti
24 Afei, saa da no na Israelfo no abrɛbrɛ, efisɛ na Saulo ama wɔaka ntam se, “Nnome mmra obiara a obedidi ansa na onwini atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfo no so were.” Enti obiara amfa hwee anka nʼano da mu no nyinaa, 25 ɛwɔ mu, wohuu sɛ ɛwo kyɛm da fam wɔ kwae no ase. 26 Wɔamfa wɔn nsa anso ɛwo no mu mpo, efisɛ na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no. 27 Nanso na Yonatan de, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwo kyɛm no mu, dii ɛwo no bi. Odi wiee no, ne ho bae no. 28 Nanso mmarima no mu baako huu no, ka kyerɛɛ no se, “Wʼagya maa asraafo no kaa ntam a emu yɛ den sɛ, obiara a obedidi nnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno nti, na obiara ahodwow no.”
29 Na Yonatan teɛɛ mu se, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte sɛɛ no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwo kakra a midii yi, me ho asisi me ho so. 30 Sɛ mmarima no nyaa kwan dii nnuan a wohuu wɔ yɛn atamfo no nkyɛn a, anka mo ara mubehu wɔn dodow a yebekum aka ho.”
31 Nanso ɔkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifo no da mu no nyinaa fi Mikmas, kosii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. 32 Anwummere no, wɔtow guu asade no so, faa nguan, anantwi ne anantwi mma. Wokunkum wɔn, wee wɔn nam ne wɔn mogya nyinaa frae. 33 Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo se, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia
36 Na Saulo kae se, “Momma yɛnkɔ Filistifo no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkosi ahemadakye a yɛrennyaw wɔn mu baako koraa.” Na wobuae se, “Biribiara a wugye di sɛ eye no, yɛbɛyɛ.”
38 Enti Saulo ka kyerɛɛ ntuanofo no se, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yehu bɔne a yɛayɛ nnɛ. 39 Mede
40 Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Munnyina nohɔ; me ne me babarima Yonatan nso begyina ha.” Nnipa no penee so.
41 Enti Saulo bɔɔ
43 Saulo bisaa Yonatan se, “Ka nea woayɛ kyerɛ me.”
44 Saulo kae se, “Yiw, Yonatan, ɛsɛ sɛ wuwu. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na minwu.”
45 Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, “Enti ɛfata sɛ Yonatan a ogyee Israel nnɛ no wu ana? Onyame mpa ngu. Bere dodow no a
46 Na Saulo frɛɛ asraafo no sɛ wɔnntaa Filistifo no bio. Enti Filistifo no san kɔɔ fie.
47 Saulo nyaa Israel ahengua no so tenae a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfo wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifo ahemfo. Na baabiara a ɔkɔe no, odii nkonim. 48 Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfo so, gyee Israelfo fii wɔn afowfo nyinaa nsam.
49 Na Saulo mmabarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmabea baanu nso ne Merab a ɔyɛ panyin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. 50 Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. 51 Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma.
52 Bere a Saulo dii ade nyinaa, na Filistifo taa ne Israelfo di ako. Enti bere biara a Saulo behu aberante biara a ne koko yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼasraafo mu.
<- 1 Samuel 131 Samuel 15 ->