1 Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, few nʼafono ho, kae se, “Mereyɛ eyi de akyerɛ sɛ
3 “Mudu dua kɛse bi a esi Tabor ho a, mubehyia mmarima baasa bi a wofi Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyi mma abiɛsa, ɔbaako nso so brodo mua abiɛsa, na nea ɔka ho no nso so nsa aboa nhoma kotoku baako. 4 Wobekyia mo, na wɔama mo brodo mua abien, na ɛsɛ sɛ mugye fi wɔn nkyɛn.
5 “Na sɛ mudu Onyankopɔn koko a ɛwɔ Gibea a Filistifo nsraadɔm abɔ pem wɔ hɔ no a, mubehu adiyifo asafodɔm sɛ wofi afɔremuka a ɛwɔ bepɔw no so hɔ resian ba. Ɛhɔ na mubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi bepɔw no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm. 6 Saa bere no, Onyankopɔn Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakra ayɛ onipa foforo. 7 Saa nsɛnkyerɛnne yi akyi no, yɛ nea wugye di sɛ eye biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho. 8 Afei, sian di mʼanim kɔ Gilgal[a] na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na sɛ midu hɔ a, mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ bio.”
9 Saulo dan ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa ne koma, na Samuel nsɛnkyerɛnne nyinaa baa mu da no. 10 Bere a Saulo ne ne somfo no duu Gibea no, wohuu sɛ adiyifo no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm. 11 Bere a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteɛɛ mu se, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ odiyifo? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ odiyifo?”
12 Nanso ɛhɔni bi kae se, “Sɛnea nʼagya te de, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ odiyifo.” Enti ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ se, “Enti Saulo nso abɛyɛ odiyifo?” 13 Saulo gyaee adiyi no, ɔforoo bepɔw no kɔɔ afɔremuka no so.
14 Oduu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no se, “Ɛhefa na wokɔe a dedaada yenhuu wo yi?”
15 Ne wɔfa no bisae se, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkae?”
16 Saulo buae se, “Ɔkae se, wɔahu mfurum no.” Nanso Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wobesi no ɔhene.
17 Samuel frɛɛ Israelfo nyinaa baa
20 Samuel maa Israel mmusuakuw nyinaa bae no, Benyamin abusuakuw na woyii wɔn. 21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuw no mu afi nyinaa baa
23 Enti wotuu mmirika kɔfaa no bae. Na obegyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. 24 Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Ɔbarima a
25 Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahenni no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔkyerɛw guu nhoma mmobɔwee so, de kɔtoo
26 Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea na nnipakuw bi a Onyankopɔn aka wɔn koma de wɔn ho bɛbɔɔ no. 27 Nanso amumɔyɛfo bi kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wobuu no animtiaa a wɔammrɛ no akyɛde biara. Nanso Saulo ammua wɔn.
<- 1 Samuel 91 Samuel 11 ->