1 Anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokware kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so. 2 Meyɛɛ mʼadwene sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afi biribiara gye Yesu Kristo nko; na ne titiriw no, ne wu wɔ asennua no so no. 3 Enti bere a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛw a ehu ne ahopopo aka me. 4 Na nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so, na mmom menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi. 5 Enti mo gyidi nnyina onipa nyansa so, na mmom egyina Onyankopɔn tumi so.
Onyankopɔn Nyansa
6 Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyinyin wɔ Honhom mu. Nanso saa nyansa no nyɛ wiase nyansa anaa wiase yi mu tumi ahorow a wɔn tumi resa no. 7 Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahintaw nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dedaw sɛ yɛn anuonyam ahyɛde ansa na wɔrebɔ wiase. 8 Aman sodifo biara nnim saa nyansa no. Sɛ wonim a anka wɔremmɔ Awurade a anuonyam ahyɛ no ma no asennua mu. 9 Kyerɛwsɛm no ka se,
“Nea onipa biara anhu na wante da,
nea onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no,
ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”
10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn.
Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kosi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so. 11 Onipa de, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na enim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na enim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa. 12 Ɛnyɛ wiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛnea ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa. 13 Enti ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokware reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no. 14 Nanso obi a onni Honhom no rentumi nnya akyɛde a efi Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente ase da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, efisɛ wogyina Honhom no nko so na wobetumi anya ntease a ɛsɛ. 15 Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn. 16 Kyerɛwsɛm no ka se,