27
Asahene Ne Wɔn Akuw 
 1 Israelfo akuw ahorow no ni—mmusua mpanyimfo, asahene ne asraafo mpanyimfo a na wɔhwɛ asraafo akuw ahorow so de som ɔhene, a kuw biara kɔ adwuma ɔsram baako wɔ afe mu. Na dɔm a wɔwɔ kuw biara mu nso dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Wɔn din na edidi so yi. 
 2 Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ kuw a edi kan no sahene, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a edi kan wɔ afe no mu. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 3 Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafo mpanyimfo no nyinaa so ɔsram a edi kan no mu. 
 4 Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ kuw a ɛto so abien a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000), a na Miklot yɛ nʼabediakyiri. 
 5 Ɔsɔfo Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ kuw a ɛto so abiɛsa a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abiɛsa mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 6 Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafo akunini kuw, a na wɔfrɛ wɔn Akofo Akɛse Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabediakyiri. 
 7 Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ kuw a ɛto so anan, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anan mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Asahel babarima Sebadia na odii nʼade. 
 8 Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ kuw a ɛto so anum, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anum mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 
 9 Ikes babarima Ira a ofi Tekoa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so asia, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so asia mu no sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 
 10 Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ofi Pelon no na na ɔyɛ kuw a ɛto so ason, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so ason mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 
 11 Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ofi Husa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so awotwe, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so awotwe mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 
 12 Abieser a na ofi Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ kuw a ɛto so akron, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so akron mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 
 13 Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ofi Netofa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so du, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so du mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 
 14 Benaia a ofi Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dubaako, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dubaako mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 
 15 Heldai a ɔyɛ Otniel a ofi Netofa aseni no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dumien, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dumien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). 
Mmusuakuw No Ntuanofo 
 16 Mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo ni: 
Ruben abusuakuw: Sikri babarima Elieser; 
Simeon abusuakuw: Maaka babarima Sefatia; 
 17 Lewi abusuakuw: Kemuel babarima Hasabia; 
Aaron (asɔfo no) abusuakuw: Sadok; 
 18 Yuda abusuakuw: Dawid nuabarima Elihu; 
Isakar abusuakuw: Mikael babarima Omri; 
 19 Sebulon abusuakuw: Obadia babarima Yismaia; 
Naftali abusuakuw: Asriel babarima Yerimot; 
 20 Efraim abusuakuw: Asasia babarima Hosea; 
Manase (atɔe fam) abusuakuw: Pedaia babarima Yoel; 
 21 Manase (apuei fam) abusuakuw Sakaria babarima Ido; 
Benyamin abusuakuw: Abner babarima Yaasiel; 
 22 Dan abusuakuw: Yeroham babarima Asarel. 
Eyinom ne Israel mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo. 
23 Bere a Dawid ma wɔkan nnipa no, wɔankan wɔn a wonnii mfe aduonu, efisɛ na 
Dawid Ahenni Mu Mpanyimfo 
 25 Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfi sikakorabea so. 
Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkurow, nkuraa ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so. 
 26 Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafo a na wɔdɔw ɔhene mfuw so. 
 27 Simei a na ofi Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuw so. 
Sabdi a ofi Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsa ne nsa a wɔayɛ so. 
 28 Baal-Hanan a ofi Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngonnua ne ankye nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔw ase no so. 
Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo. 
 29 Sitrai a ofi Saron na na ɔhwɛ anantwi a na wɔwɔ Saron sare so no so. 
Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwi a wɔwɔ abon ahorow mu no so. 
 30 Ismaelni Obil na na ɔhwɛ yoma so. 
Yehdia a ofi Meronot na na ɔhwɛ mfurum so. 
 31 Yasis a ofi Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nguan so. 
Saa mpanyimfo yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapade so. 
 32 Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufo nyansafo maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔkyerɛwfo a ɔwɔ nhumu. 
Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmabarima ade. 
 33 Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene fotufo. 
Na Husai a ofi Arki yɛ ɔhene adamfo. 
 34 Benaia babarima Yehoiada na odii Ahitofel ade na Abiatar bɛtoaa adedi no so. 
 Languages
Languages