1 Eyi akyi no, Dawid ko dii Gat ne nkurow a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifo no hyɛe, brɛɛ wɔn ase. 2 Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, maa Moabfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wotua sonkahiri ma no.
3 Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ofi Soba asraafo ase de kosii Hamat, bere a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no. 4 Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo anantefo mpem aduonu. Afei, obubuu apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam no nyinaa anan, ma ɛkaa ɔha pɛ.
5 Bere a Aramfo fi Damasko bae sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkum wɔn mu mpem aduonu abien. 6 Afei, ɔde asraafo guu Damasko, Aram ahenkurow mu, maa Aramfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no sonkahiri. Baabiara a Dawid bɛkɔ no,
9 Bere a Hamathene Tou tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no, 10 ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no mo wɔ ne nkonimdi no ho. Na Hadadeser ne Tou atan wɔn ho akyɛ, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafrae bebree.
11 Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛde yi nyinaa so maa
12 Seruia babarima Abisai kunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon no mu. 13 Ɔde asraafo duaduaa Edom nyinaa, maa Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ sɛnea
14 Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso.
-
a Na Keretifo ne Peletifo yɛ ahɔho asraafo a wɔbɔ wɔn paa ma wɔko. Keretifo no ase fi Krete na Peletifo no nso ase fi Filisti. Wɔtaa bɔ saa akuw abien yi din sɛ awɛmfo a wɔwɛn adehye.