1 Dawid ne ne mpanyimfo a nʼasraafo so asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina. 2 Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa se, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ
5 Enti Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, efi ɔman no ti kosi ti, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfi Kiriat-Yearim mmra. 6 Afei, Dawid ne Israelfo no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ kerubim ntam na
7 Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforo so de fii Abinadab fi a Usa ne Ahio rekyerɛ kwan. 8 Dawid ne Israelfo nyinaa fii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahorow a bi yɛ asanku, mmɛnta, akasae, nnawuru ne ntorobɛnto dii ahurusi, Onyankopɔn anim.
9 Nanso woduu Nakon awiporowbea no, anantwi no anan toto maa Usa teɛɛ ne nsa sɛ ɔreteɛ Apam Adaka no. 10 Ɛhɔ na
11 Dawid bo fuwii, efisɛ
12 Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na obisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?” 13 Enti Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mmfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kurow no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fi wɔ Gat. 14 Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafo nkyɛn asram abiɛsa. Na