1 Mehwɛɛ bio, na mihuu nhoma mmobɔwee a ɛretu wɔ wim wɔ mʼanim! 2 Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?”
3 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛnea ɔfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfo biara, na ɔfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntamhunu no, wɔbɛpam no. 4 Asafo
5 Afei ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me se, “Ma wʼani so na hwɛ eyi, nea ɛreba yi.”
6 Mibisa sɛ “Ɛyɛ dɛn?”
7 Afei woyii kɛntɛn no so sumpii mmuaso no, na mu na na ɔbea bi hyɛ! 8 Ɔkae se, “Eyi yɛ atirimɔdensɛm,” afei ɔkaa ɔbea no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuaso no kataa no so.
9 Afei memaa me ti so huu mmea baanu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de a wɔde dannan wɔn ho wɔ wim. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ wim, ɔsoro ne asase ntam.
10 Mibisaa ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no se, “Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?”
11 Obuae se, “Wɔde rekɔ Babilonia asase so akosi fi ama no. Na sɛ, wowie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akosi nʼafa.”
<- Sakaria 4Sakaria 6 ->