4 Sɛɛ na Awurade me Nyankopɔn se: “Fa nguankuw a wɔrebekum wɔn no kɔ adidibea. 5 Atɔfo no kunkum nguan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nguan no ka se, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefo!’ Na nguan no ahwɛfo no mpo nnya ahummɔbɔ mma wɔn. 6 Merenhu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛnea Awurade se ni. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne hene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfi wɔn nsam.”
7 Enti mede nguankuw a wɔrekokum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titiriw ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei mefaa pema abien, na mefrɛɛ baako Adɔe na baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidi. 8 Ɔsram baako mu, mepam nguanhwɛfo abiɛsa no.
Nguankuw no ampɛ me, na wɔmaa me brɛe 9 na mekae se, “Merenyɛ mo hwɛfo bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekyere wɔn ho wɔn ho nwe.”
10 Afei mefaa me pema a mefrɛ no Adɔe no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no. 11 Wɔsɛee no da no ara, na wɔn a wɔrehu amane wɔ nguankuw no mu a na wɔrehwɛ me no hui se, ɛyɛ Awurade asɛm.
12 Na meka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a muntua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wotuaa dwetɛ mpɔw aduasa maa me.[a]
13 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Tow ma ɔnwemfo no,” ɛbo a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔw aduasa no, na metow maa ɔnwemfo a ɔwɔ Awurade fi mu no.
14 Afei mibuu me pema a ɛto so abien a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.
15 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa oguanhwɛfo kwasea no nneɛma no bio. 16 Na merebɛma oguanhwɛfo bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ nea wayera, ɔrenhwehwɛ nguantenmma no akyi kwan, ɔrensa nea wapira yare, ɔremma nea ɔwɔ ahoɔden aduan, na mmom, ɔbɛwe nguan a wɔadɔ no nam, na watwitwa wɔn tɔte.