Rut Nhoma
1 Bere a na atemmufo di Israel so no, ɔkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ofi Betlehem wɔ Yuda ne ne yere ne ne mmabarima baanu tutu fii asase no so kɔtenaa Moab. 2 Na ɔbarima no din de Elimelek[a] na ne yere nso din de Naomi. Ne mmabarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifo a wofi Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ. 3 Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wu ma ɛkaa ne mmabarima baanu no. 4 Wɔwarewaree Moabfo mmea. Na ɔbaako din de Orpa na nea ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfe du no, 5 Mahlon ne Kilion nso wuwui. Enti ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmabarima baanu no ne ne kunu.
6 Bere a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ
8 Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi se, “Monsan nkɔ mo nanom fi.
10 Na wɔka kyerɛɛ Naomi se, “Yɛne wo bɛsan akɔ wo nkurɔfo nkyɛn.”
11 Nanso Naomi kae se, “Me mma, monsan nkɔ fie. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmabarima bio a wobetumi awareware mo ana? 12 Me mma, monsan nkɔ fie. Manyin, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yiye. Mpo, sɛ midwen sɛ anidaso bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara minya okunu na me ne no wo mmabarima a, 13 mobɛtwɛn kosi sɛ wobenyinyin? Mobɛtena atwɛn wɔn ana? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, efisɛ
14 Wɔsan twaa adwo bio. Afei, Orpa few nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena.
15 Nanso Naomi ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, wo kora asan kɔ ne nkurɔfo ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.”
16 Na Rut buae se, “Nhyɛ me sɛ mimfi wo nkyɛn nsan nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfo bɛyɛ me nkurɔfo na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn. 17 Baabi a wubewu no, mewu hɔ bi na wɔasie me hɔ. Sɛ mamma owu antetew me ne wo ntam na ɛnam biribi foforo biara so a,
19 Ɛno nti, wɔn baanu no toaa wɔn akwantu no so. Bere a woduu Betlehem no, wɔn nti kurow mu no nyinaa bɔɔ twi. Mmea no bisae se, “Naomi ni ana?”
20 Ɔkae se, “Mommfrɛ me Naomi, na mmom, momfrɛ me Mara, efisɛ
22 Enti Naomi fi Moab bae a, nʼase Rut, Moabni babun ka ne ho. Woduu Betlehem atokotwa bere mfiase no mu.
Rut 2 ->-
a Wonyaa din Efrati fii abusua a Elimelek fi mu no. Ɛno nti, Elimelek de nʼabusua din no ɔmantam a ɛbɛn Betlehem a ɛtɔ da a wɔfrɛ no Betlehem Efrata no (4.11; 1 Mose 35.19; 1 Sam 17.12; Mika 5.2).