1 Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase ntwea anan no so a wɔretwe mframanan a ɛwɔ asase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne po so ne baabiara. 2 Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei reba a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔwano. Ɔteɛɛ mu frɛɛ abɔfo baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne po no. 3 Ɔbɔfo no kae se, “Monnsɛe asase ne po anaa nnua kosi sɛ yɛde nsɔwano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfo no agyirae.” 4 Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔwano hyɛɛ wɔn agyirae wɔ wɔn moma so no dodow. Wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ɔha aduanan anan a, wɔn nyinaa fi Israel mmusuakuw no mu.
5 Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
Ruben abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
Gad abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
6 Aser abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
Naftali abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
Manase abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
7 Simeon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
Lewi abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
Isakar abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
8 Sebulon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
Yosef abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien (12,000).
Nnipakuw
9 Eyi akyi no, mihuu nnipakuw a obiara ntumi nkan wɔn dodow. Wofifi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu a wogyinagyina ahengua no ne Oguamma no anim a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa, kurakura berɛw. 10 Wɔteɛɛ mu se,
“Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn
a ɔte ahengua no so
ne Oguamma no.”
11 Na abɔfo no atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia. Afei wobutubutuw ahengua no anim, som Onyankopɔn 12 kae se,
“Amen!
Nhyira ne anuonyam
ne nyansa ne aseda ne nidi
ne tumi ne ahoɔden
yɛ Onyankopɔn de daa daa!
Amen!”
13 Mpanyimfo no mu baako bisaa me se, “Ɛhefo na wɔhyehyɛ ntade fitafitaa yi, na wofi he?”
14 Mibuae se, “Minnim, owura. Na wo na wunim.”
Ɔka kyerɛɛ me se, “Eyinom ne wɔn a wɔafi ɔtaa mu. Wɔde Oguamma no mogya ahoro wɔn ntade ama ayɛ fitaa. 15 Na ɛno nti na,