1 Ɔbɔfo no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani tew kurunnyenn sɛ ahwehwɛ a efi Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua so, 2 na ɛsen fa kurow no tempɔn kɛse no mfimfini. Nkwa dua si asu no fa biara a afe biara ɛsow aba ahorow dumien wɔ ɔsram biara. Wɔde so ahaban no sa aman ahorow no yare. 3 Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kurow no mu. Wobehu Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua wɔ kurow no mu na nʼasomfo bɛsom no. 4 Wobehu nʼanim na wɔbɛkyerɛw ne din agu wɔn moma so. 5 Ade rensa wɔ hɔ bio, na akanea anaa hann ho nhia, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wobedi ade sɛ ahene daa daa.
6 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Saa nsɛm yi yɛ nokware a wode wo ho to so a, eye. Na Awurade Nyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifo no somaa ne bɔfo se ɔmmɛkyerɛ nʼasomfo nea ɛbɛba nnansa yi ara no.”
7 Yesu kae se,
8 Me Yohane, mate na mahu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, huu ne nyinaa wiei no, mibutuw ɔbɔfo no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa no nan ase pɛɛ sɛ mesom no. 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfo te sɛ wo nuanom adiyifo ne wɔn a wodi nhoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!”
10 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Nkata saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no so, efisɛ bere no abɛn. 11 Obiara a ɔyɛ bɔne no nkɔ so nyɛ bɔne, na nea ɔyɛ fi no nkɔ so nyɛ fi; nea ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na nea ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron.”
12
14
16
17 Honhom no ne ayeforo no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka se, ‘Bra!’ Na nea osukɔm de no no mmra, na nea ɔpɛ no nso, ommegye nkwa nsu no kwa.”
18 Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no kɔkɔ se: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotwe bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nhoma yi mu no ho. 19 Na sɛ obi nso yi bi fi adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no mu a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya wɔ nkwa dua no ne kurow Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma yi mu no.
20 Nea odi nhoma yi ho adanse no ka se,
21 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefo nyinaa. Amen.