Dwom 99
 1 Awurade  di hene, 
momma amanaman no ho mpopo; 
ɔte nʼahengua so wɔ kerubim ntam, 
ma asase nwosow. 
 2 Awurade  a ɔwɔ Sion yɛ ɔkɛse; 
wɔama no so wɔ amanaman nyinaa mu. 
 3 Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwonwa no, 
ɔyɛ ɔkronkron. 
 4 Ɔhene no yɛ ɔkɛse, ɔdɔ atɛntrenee, 
woama pɛpɛyɛ atim; 
wayɛ nea eye na ɛteɛ 
wɔ Yakob mu. 
 5 Momma Awurade , yɛn Nyankopɔn so 
na monsɔre no wɔ ne nan ntiaso anim; 
ɔyɛ ɔkronkron. 
 6 Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfo no ho, 
na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho; 
wɔfrɛɛ Awurade , 
na ogyee wɔn so. 
 7 Ofi omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn; 
wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so. 
 8 Awurade , yɛn Nyankopɔn, 
wugyee wɔn so; 
woyɛɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn maa Israel, 
nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho. 
 9 Momma Awurade  yɛn Nyankopɔn so 
na monsɔre no wɔ ne bepɔw kronkron no so, 
 Languages
Languages