Dwom 98
Dwom. 
 1 Monto dwom foforo mma Awurade , 
efisɛ wayɛ anwonwade bebree; 
ne nsa nifa ne ne basa kronkron no 
anya nkwagye ama no. 
 2 Awurade  ama wɔahu ne nkwagye 
na wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no. 
 3 Wakae nʼadɔe 
ne ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no; 
asase ano nyinaa ahu 
yɛn Nyankopɔn nkwagye. 
 4 Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade , 
momfa nnwonto nni ahurusi; 
 5 Momfa sanku nto dwom mma Awurade , 
sanku ne nnwonto nnyigyei, 
 6 momfa torobɛnto ne adwennini mmɛn, 
nteɛ mu ahosɛpɛw so wɔ Awurade , yɛn hene no anim. 
 7 Momma po ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa nhuru so; 
asase ne wɔn a wɔte so nyinaa. 
 8 Momma nsubɔnten mmɔ wɔn nsam, 
mmepɔw nka mmom nto ahurusi nnwom; 
 9 ma wɔnto nnwom wɔ Awurade  anim, 
efisɛ ɔreba abebu wiase atɛn. 
Ɔde trenee bebu wiase atɛn 
 Languages
Languages