Dwom 95
 1 Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigye so mma Awurade ; 
momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagye Botan no. 
 2 Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, 
na yɛmfa ahosɛpɛw nnwom mma no so. 
 3 Efisɛ Awurade  yɛ Onyankopɔn kɛse, 
ɔhenkɛse wɔ anyame nyinaa so. 
 4 Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, 
na mmepɔw mpampam wɔ no. 
 5 Po wɔ no, ɔno na ɔbɔe, 
na ne nsa na ɛnwenee asase kesee no. 
 6 Mommra, mma yɛnkotow nsom no. 
Momma yemmu nkotodwe wɔ Awurade  yɛn Yɛfo no anim! 
 7 Ɔyɛ yɛn Nyankopɔn; 
yɛyɛ ne didibea nnipa, 
ne nguankuw a ɔhwɛ wɔn so. 
Nnɛ, sɛ mote ne nne a, 
 8 mummpirim mo koma sɛnea moyɛɛ wɔ Meriba no, 
sɛnea moyɛɛ da no wɔ Masa, sare no so no, 
 9 Ɛhɔ no, mo mpanyimfo sɔɔ no hwɛe, 
a na wonim nea meyɛ maa wɔn. 
 10 Me bo fuw saa nnipa no mfe aduanan 
na mekae se, “Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho, 
na wɔanhu mʼakwan.” 
 11 Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se, 
 Languages
Languages