Dwom 76
Asaf dwom. 
 1 Onyankopɔn din ahyeta wɔ Yuda; 
ne din so wɔ Israel. 
 2 Ne ntamadan si Salem, 
ne tenabea wɔ Sion. 
 3 Ɛhɔ na obubuu mmemma a ɛpa gya, 
nkatabo ne afoa, akode nyinaa mu. 
 4 Wo ho hann no hyerɛn, 
na woso sen mmepɔw a mmoadoma ahyɛ mu ma no. 
 5 Mmarima akokodurufo deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, 
wɔadeda awufo nna; 
na akofo no mu baako mpo 
ntumi mma ne nsa so. 
 6 Yakob Nyankopɔn, wokaa wɔn anim no 
apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn. 
 7 Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wosuro wo. 
Sɛ wo bo fuw a hena na obetumi agyina wʼanim? 
 8 Wubuu atɛn fii ɔsoro, 
asase suroe, na ɛyɛɛ komm, 
 9 bere a wo, Onyankopɔn, sɔre buu atɛn, 
de gyee amanehunufo wɔ asase no so no. 
 10 Ampa ara wʼabufuwhyew a etia nnipa no de ayeyi brɛ wo, 
na wɔn a wotumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ. 
 11 Monhyɛ Awurade  mo Nyankopɔn no bɔ na munni so; 
momma nsase a atwa ne ho ahyia 
mfa ayɛyɛde mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wosuro no no. 
 12 Ɔbrɛ sodifonom honhom ase; 
na asase so ahemfo suro no. 
 Languages
Languages