Dwom 75
Asaf dwom. 
 1 Onyankopɔn, yɛda wo ase, 
yɛda wo ase, efisɛ wo Din abɛn; 
nnipa ka wʼanwonwade kyerɛ. 
 2 Woka se, “Me na mehyɛɛ bere a ɛsɛ no; 
ɛyɛ me na mibu atɛntrenee. 
 3 Sɛ asase ne so nnipa nyinaa wosow a, 
me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn. 
 4 Meka kyerɛ ahantanfo se, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ 
na meka kyerɛ amumɔyɛfo nso se, ‘Mommma mo mmɛn so. 
 5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; 
mommfa animtiaabu nkasa.’ ” 
 6 Obiara mmfi apuei anaa atɔe 
anaa sare no so a obetumi ama obi so. 
 7 Ɛyɛ Onyankopɔn na obu atɛn: 
Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforo so. 
 8 Kuruwa bi hyɛ Awurade  nsam 
nsa bi a etwa ahuru a wɔde nnuhuam afra ahyɛ no ma; 
ohwie, na asase so amumɔyɛfo nyinaa 
nom ma ɛka ase puw. 
 9 Me de, mɛpae mu aka eyi daa daa; 
mɛto ayeyi dwom ama Yakob Nyankopɔn. 
 10 Mebubu amumɔyɛfo nyinaa mmɛn, 
na atreneefo mmɛn de, wɔbɛma so. 
 Languages
Languages