Dwom 72
Salomo dwom. 
 1 Ao, Onyankopɔn, fa wʼatɛntrenee dom ɔhene no, 
na fa wo trenee ma ɔhene babarima. 
 2 Ɔde trenee bebu wo nkurɔfo atɛn, 
obebu wo nkurɔfo a wɔrehu amane no atɛntrenee. 
 3 Mmepɔw no de yiyedi bɛbrɛ nnipa no, 
nkoko no de trenee bɛba. 
 4 Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufo 
na wagye wɔn a wonni bi mma nkwa; 
ɔbɛdwerɛw nhyɛsofo. 
 5 Owia ne ɔsram da so wɔ hɔ yi 
wobesuro wo awo ntoatoaso nyinaa mu. 
 6 Ɔbɛyɛ sɛ osu a ɛtɔ gu asase a wɔadɔw so so, 
te sɛ obosu a egugu asase so. 
 7 Atreneefo benyin frɔmfrɔm wɔ ne bere so; 
yiyedi bebu so akosi da a ɔsram nni hɔ bio. 
 8 Obedi hene afi po akosi po, 
afi Asubɔnten Efrata akosi asase ano. 
 9 Sare so mmusua bɛkotow nʼanim 
na nʼatamfo adi mfutuma. 
 10 Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri 
de sonkahiri bɛbrɛ no; 
Saba ne Seba ahemfo 
de ayɛyɛde bɛbrɛ no. 
 11 Ahemfo nyinaa bɛkotow no, 
amanaman nyinaa bɛsom no. 
 12 Na obegye mmɔborɔfo a wosu frɛ no, 
ne amanehunufo a wonni ɔboafo. 
 13 Obehu wɔn a wɔayɛ mmrɛw ne ahiafo mmɔbɔ 
na wagye ahiafo nkwa. 
 14 Obegye wɔn afi nhyɛso ne akakabensɛm ase, 
efisɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim. 
 15 Ɔhene nkwa so! 
ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfi Seba mmrɛ no. 
Ma nnipa mmɔ mpae mma no 
na wonhyira no da mu nyinaa. 
 16 Aburow mmu so wɔ asase no so nyinaa; 
nnuan mmu so wɔ nkoko so, 
ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon; 
na enyin sɛ mfuw so sare. 
 17 Ne din bɛtena hɔ daa; 
ɛntena hɔ nkyɛ sɛ owia. 
Wɔbɛfa no so ahyira amanaman no, 
na wɔbɛfrɛ no nhyira. 
 18 Nhyira nka Awurade  Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn! 
Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade. 
 19 Nhyira nka ne din a anuonyam ahyɛ no ma no daa daa. 
Ma nʼanuonyam nhyɛ wiase nyinaa ma. 
Amen! Amen! 
 Languages
Languages