Dwom 66
Dawid dwom. 
 1 Asase nyinaa momfa ahosɛpɛw nteɛ mu mma Onyankopɔn! 
 2 Monto ne din anuonyamhyɛ ho dwom; 
momma nʼayeyi nyɛ anuonyamhyɛ! 
 3 Munse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛe yɛ nwonwa dodo! 
Wo tumi so mmoroso 
a wʼatamfo nyinaa de osuro kotow wʼanim. 
 4 Asase nyinaa kotow wo; 
wɔto ayeyi dwom ma wo, 
wɔto dwom kamfo wo din.” 
 5 Mommra mmɛhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ; 
anwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu. 
 6 Ɔmaa po yɛɛ asase kesee; 
wɔnantew twaa nsu no 
mommra mma yenni ahurusi wɔ no mu. 
 7 Ɔde ne tumi di hene daa daa, 
na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. 
Mma atuatewfo nsɔre ntia no. 
 8 Aman nyinaa, munhyira yɛn Nyankopɔn, 
momma wɔnte mo nkamfo no nnyigyei; 
 9 wahwɛ yɛn nkwa so 
na wamma yɛn anan anwatiri. 
 10 Na wo, Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛe; 
na wonan yɛn sɛ dwetɛ. 
 11 Wode yɛn koguu afiase 
na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi. 
 12 Womaa yɛn atamfo twiw faa yɛn so; 
yɛfaa ogya ne nsu mu, 
nanso wode yɛn baa faako a nnepa abu so. 
 13 Mede ɔhyew afɔre bɛba wʼasɔredan mu 
na madi bɔ a mahyɛ wo no so, 
 14 bɔ a mʼanofafa hyɛe, na mʼano kaa 
bere a na mewɔ ɔhaw mu no. 
 15 Mede mmoa a wɔadɔ srade bɛbɔ afɔre ama wo; 
adwennini ayɛyɛde; 
mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔre. 
 16 Mommra mmetie, mo a musuro Onyankopɔn nyinaa; 
momma menka nea wayɛ ama me nkyerɛ mo. 
 17 Mede mʼano su frɛɛ no; 
na me tɛkrɛma yii no ayɛ. 
 18 Sɛ mede bɔne hyɛɛ me koma mu a, 
anka Awurade antie me. 
 19 Nanso nokware, Onyankopɔn atie me, 
wate me mpaebɔ. 
 20 Nhyira nka Onyankopɔn, 
a wampo me mpaebɔ 
na wanyi nʼadɔe amfi me so. 
 Languages
Languages