Dwom 58
Dawid “miktam” dwom. 
 1 So mo asodifo, ampa ara sɛ, moka asɛm a ɛteɛ ana? 
Mubu atɛntrenee wɔ nnipa mu ana? 
 2 Dabi da! Modwene ntɛnkyew wɔ mo koma mu 
na mo nsa de akakabensɛm ba asase so. 
 3 Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu; 
wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro. 
 4 Wɔn ano bɔre te sɛ ɔwɔ de, 
ɛte sɛ ɔprammiri a wawɛn nʼaso, 
 5 a ɔnte ntafowayifo dwom, 
na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho. 
 6 Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom, 
 7 Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuan; 
sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu. 
 8 Ma wɔnyɛ sɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu wɔ bere a ɔretene no. 
Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a owu wɔ awoe a onhu owia koraa. 
 9 Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw, 
sɛ ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ. 
 10 Sɛ wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye, 
na wɔbɛhohoro wɔn anan ho wɔ amumɔyɛfo mogya mu. 
 11 Afei nnipa bɛka se, “Ampa ara atreneefo kɔ so nya wɔn akatua; 
na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu wiase atɛn.” 
 Languages
Languages