Dwom 30
Dawid dwom.
1 Mɛma wo so, Awurade ,
efisɛ, woayi me afi bun mu
na woamma mʼatamfo anserew me.
2 Awurade me Nyankopɔn, misu frɛɛ wo sɛ boa me
na wosaa me yare.
3 Awurade , wuyii me fii ɔda mu;
wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amoa mu.
4 Monto ayeyi nnwom mma Awurade ;
mo a moyɛ nʼahotewfo!
Monkamfo ne din kronkron no.
5 Nʼabufuw nkyɛ,
na nʼadɔe wɔ hɔ daa;
agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo,
nanso ahosɛpɛw bɛba anɔpa.
6 Metee nka sɛ mewɔ bammɔ no, mekae se,
“Merenhinhim da.”
7 Awurade , woyɛɛ me adom no
womaa me bepɔw gyinaa pintinn
na wode wʼanim hintaw me no,
me koma tui.
8 Wo, Awurade na mefrɛɛ wo;
wo hɔ na misu mesrɛɛ mmɔborɔhunu se:
9 “Mfaso bɛn na ɛwɔ me sɛe so,
sɛ mɛkɔ amoa mu?
Mfutuma beyi wo ayɛ ana?
Ɛbɛpae mu aka wo nokwaredi ana?
10 Tie me, Awurade , na hu me mmɔbɔ!
11 Wodan mʼagyaadwotwa yɛɛ no asaw;
wuyii mʼatweaatam fii me ho
na wode anigye furaa me,
12 sɛ me koma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm.