Dwom 20
Dawid dwom. 
 1 Awurade  ntie wo wɔ wʼahohia mu; 
Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban. 
 2 Ɔmfa mmoa mfi kronkronbea hɔ mmrɛ wo, 
na omfi Sion mmɛhyɛ wo den. 
 3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa, 
na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani. 
 4 Ɔmma wo nea wo koma pɛ, 
na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ yiye. 
 5 Yɛbɛbɔ ose bere a woadi nkonim, 
na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Nyankopɔn din mu. 
 6 Afei mahu sɛ Awurade  ma nea wasra no no nkonimdi, 
ofi ne kronkronbea wɔ ɔsoro gye no so, 
ɔde ne nkonimdi tumi a ɛwɔ ne nsa nifa mu no. 
 7 Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so 
na afoforo nso, wɔn apɔnkɔ so, 
nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to Awurade  yɛn Nyankopɔn din so. 
 8 Wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, 
na yɛn de, yɛsɔre gyina kirebenn. 
 9 Awurade , ma ɔhene nkonimdi! 
Yɛfrɛ a, gye yɛn so! 
 Languages
Languages