Dwom 138
Dawid de. 
 1 Awurade , mede me koma nyinaa ayi wo ayɛ; 
mɛto wʼayeyi dwom wɔ “anyame” no anim. 
 2 Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akotow wo 
na makamfo wo din 
wɔ wʼadɔe a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti, 
efisɛ woama wʼahyɛde no so yiye; 
ama asen wo titiriwyɛ. 
 3 Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so; 
woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ. 
 4 Awurade , sɛ ahemfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nea woahyɛ no a, 
ma wɔnkamfo wo. 
 5 Ma wɔnto Awurade  akwan ho nnwom, 
na Awurade  anuonyam yɛ kɛse. 
 6 Ɛwɔ mu sɛ Awurade  wɔ ɔsorosoro de, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfo, 
na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri. 
 7 Ɛwɔ mu sɛ menam ɔhaw mu de, 
nanso wobɔ me nkwa ho ban; 
woteɛ wo nsa wɔ mʼatamfo abufuw so, 
na wode wo nsa nifa gye me nkwa. 
 8 Awurade  bɛma nea wahyehyɛ ama me no aba mu; 
nnyaa wo nsa ano nnwuma akyidi. 
Languages