Dwom 137
 1 Babilonia nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtena suu 
bere a yɛkaee Sion no. 
 2 Ɛhɔ konkɔn so nnua mu 
na yɛde yɛn asanku sensɛnee, 
 3 ɛhɔ na yɛn nnommumfafo kaa se yɛnto nnwom, 
yɛn ahohiafo hwehwɛɛ anigye nnwom fii yɛn nkyɛn; 
wɔkae se, “Monto Sion nnwom baako nkyerɛ yɛn!” 
 4 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade  nnwom, 
bere a yɛwɔ ananafo asase so? 
 5 Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo a 
ma me nsa nifa werɛ mfi sankubɔ. 
 6 Sɛ mankae wo a, 
ma me tɛkrɛma nka ntare mʼanom 
sɛ mamfa Yerusalem 
sɛ mʼanigyede kɛse pa ara a. 
 7 Kae, Awurade , nea Edomfo yɛɛ 
da a Yerusalem hwee ase no. 
Wɔteɛɛ mu se, “Munnwiriw, 
munnwiriw ngu fam nkɔka ne fapem!” 
 8 Ɔbabea Babilonia, wɔadome wo akɔ ɔsɛe mu, 
nea otua wo ka bio ani gye 
wɔ nea wode ayɛ yɛn no ho. 
 9 Nea ɔkyere wo nkokoaa 
 Languages
Languages