Dwom 129
Ɔsoroforo dwom. 
 1 “Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase, 
ma Israel nka ɛ. 
 2 “Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase, 
nanso wontumi nnii me so nkonim ɛ. 
 3 Fɛntɛmfo afɛntɛm mʼakyi 
ayɛ wɔn nkɔmoa atenten. 
 4 Nanso Awurade  yɛ ɔtreneeni; 
watwitwa amumɔyɛfo hama afi me ho ama made me ho.” 
 5 Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa 
mfa animguase nsan wɔn akyi. 
 6 Ma wɔnnyɛ sɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi, 
a ennyin na ɛhyew; 
 7 na nnɔbaetwafo ntumi nnya biribi mfi mu nhyɛ ne nsa ma, 
na nea ɔboaboa ano nso nnya hwee nhyɛ nʼabasa ma. 
 8 Mma wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nka se, 
“Awurade  nhyira mmra mo so; 
 Languages
Languages