Dwom 126
Ɔsoroforo dwom. 
 1 Bere a Awurade  de Sion fi nnommum san bae no, 
yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae. 
 2 Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, 
anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. 
Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se, 
“Awurade  ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.” 
 3 Awurade  ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn, 
na anigye ahyɛ yɛn ma. 
 4 Awurade , san fa yɛn siade ma yɛn, 
te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no. 
 5 Wɔn a wodua no nusu mu no 
de anigye nnwom betwa. 
 6 Wɔn a wɔde osu fi adi 
so aba a wɔrekodua no, 
de anigye nnwom bɛsan aba 
 Languages
Languages