Dwom 118
 1 Monna Awurade  ase efisɛ oye, 
na nʼadɔe wɔ hɔ daa. 
 2 Momma Israel nka se, 
“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.” 
 3 Momma Aaronfi nka se, 
“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.” 
 4 Momma wɔn a wosuro Awurade  nka se, 
“Nʼadɔe wɔ hɔ daa.” 
 5 Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade ; 
ogyee me so, na ɔma me dee me ho. 
 6 Awurade  ne me boafo; enti merensuro. 
Dɛn na onipa betumi ayɛ me? 
 7 Awurade  ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me boafo. 
Mede nkonimdi bɛhwɛ mʼatamfo. 
 8 Eye sɛ yebehintaw wɔ Awurade  mu, 
sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa so. 
 9 Eye sɛ yebehintaw Awurade  mu, 
sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so. 
 10 Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiae, 
nanso Awurade  din mu mitwitwaa wɔn gui. 
 11 Wotwaa me ho hyiaa wɔ baabiara, 
nanso Awurade  din mu, mitwitwaa wɔn gui. 
 12 Wɔkyere guu me so sɛ nnowa, 
nanso wɔhyew ntɛm so sɛ nsɔe a ogya atɔ mu; 
 13 Wosum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase, 
nanso Awurade  boaa me. 
 14 Awurade  yɛ mʼahoɔden ne me bammɔ; 
wayɛ me nkwagye. 
 15 Osebɔ ne nkonimdi 
gyigye wɔ atreneefo ntamadan mu se, 
“Awurade  nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse! 
 16 Wɔama Awurade  nsa nifa so; 
 17 Merenwu, mmom mɛtena ase 
na mapae mu aka nea Awurade  ayɛ. 
 18 Awurade  atwe mʼaso dennen, 
nanso onyaa me mmaa owu ɛ. 
 19 Bue trenee apon ma me; 
na mɛhyɛn mu na mede aseda ama Awurade . 
 20 Awurade  ponkɛse ni; 
ɛhɔ na atreneefo bɛfa ahyɛn mu. 
 21 Mɛda wo ase, efisɛ wugyee me so; 
na woayɛ me nkwagye. 
 22 Ɔbo a adansifo no poe no, 
abɛyɛ tweatibo. 
 23 Awurade  na wayɛ eyi, 
na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so. 
 24 Nnɛ yɛ da a Awurade  ayɛ. 
Momma yɛn ani nnye na yenni ahurusi. 
 25 Awurade , gye yɛn nkwa; 
 26 Nhyira ne nea ɔnam Awurade  din mu reba. 
Yehyira wo fi Awurade  fi. 
 27 Awurade  yɛ Onyankopɔn, 
na wama ne hann ahyerɛn yɛn so. 
Momfa nnua mman nkura na yɛnto afɔrebɔ santen 
nkɔ afɔremuka no mmɛn ho. 
 28 Woyɛ me Nyankopɔn na meyi wo ayɛ; 
wone me Nyankopɔn na mɛma wo so. 
 29 Monna Awurade  ase, efisɛ oye; 
 Languages
Languages