Dwom 113
 1 Monkamfo Awurade . 
Monkamfo Awurade , mo a moyɛ nʼasomfo no, 
monkamfo Awurade  din. 
 2 Momma wɔnkamfo Awurade  din, 
mprempren ne daa nyinaa. 
 3 Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ, 
ma wɔnkamfo Awurade  din. 
 4 Wɔama Awurade  so aman nyinaa so, 
nʼanuonyam tra ɔsorosoro. 
 5 Hena na ɔte sɛ Awurade  yɛn Nyankopɔn, 
Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro, 
 6 ɔno na ɔbɔ ne mu ase 
hwɛ ɔsorosoro ne asase? 
 7 Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu 
na ɔma onnibi so fi nso siw so; 
 8 ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, 
wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu. 
 9 Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi 
sɛ ɔbeatan a nʼani gye. 
 Languages
Languages