Dwom 10
 1 Adɛn, Awurade , na wugyina akyirikyiri saa? 
Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi? 
 2 Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo, 
wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no. 
 3 Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho; 
ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade  ahi. 
 4 Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade ; 
ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee. 
 5 Nʼakwan nyinaa mu odi yiye; 
ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho; 
na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw. 
 6 Ɔka kyerɛ ne ho se: “Hwee remma minhinhim; 
mʼani begye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.” 
 7 Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; 
Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase. 
 8 Ɔtɛw bɛn nkuraa no; 
ofi ahintawee kum nea onnim hwee, 
ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no. 
 9 Ɔte sɛ gyata a wahintaw; 
ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; 
ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu. 
 10 Ɔdwerɛw wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ beraw; 
na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ. 
 11 Ɔka kyerɛ ne ho se, “Onyankopɔn werɛ afi; 
wayi nʼani afi so na onhu.” 
 12 Sɔre, Awurade ! Ma wo nsa so, Onyankopɔn. 
Mma wo werɛ mfi wɔn a wonni aboafo. 
 13 Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi? 
Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se, 
“Ɔremfrɛ me akontaabu so?” 
 14 Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw; 
na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. 
Mmɔborɔni de ne ho ma wo; 
wo na woyɛ ayisaa boafo. 
 15 Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw; 
frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa, 
nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no. 
 16 Awurade  yɛ ɔhene daa nyinaa; 
amanaman no bɛyera nʼasase so. 
 17 Awurade , wutie mmɔborɔfo adesrɛ; 
wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ, 
 18 na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so, 
sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase mu 
renhunahuna bio. 
 Languages
Languages