Nnwom
ƆFA A EDI KAN 
 1
Nnwom 1–41 
 1 Nhyira ne onipa a 
ontie amumɔyɛfo afotu 
na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi 
na ɔntena fɛwdifo tenabea. 
 2 Na mmom, Awurade  mmara sɔ nʼani, 
na osusuw ho awia ne anadwo. 
 3 Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho, 
na ɛsow nʼaba ne bere mu a 
nʼahaban no nguan da. 
Nea ɔyɛ biara yɛ yiye. 
 4 Nanso nnebɔneyɛfo nte saa; 
wɔte sɛ ntɛtɛ a 
mframa bɔ gu. 
 5 Enti amumɔyɛfo rentumi nnyina atemmu no ano, 
na nnebɔneyɛfo nso rentena atreneefo asafo mu. 
 6 Efisɛ Awurade  kyerɛ ɔtreneeni kwan 
 Languages
Languages