1 Afei,
8 “Aaron mmabarima asɔfo nko ara na wɔbɛma wɔn kwan ama wɔahyɛn ntorobɛnto no. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa. 9 Sɛ mudu Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfo a wɔhyɛ mo so no ko a mohyɛn ntorobɛnto no. Na,
11 Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu no a ɛyɛ mfe abien a Israelfo fii Misraim no, omununkum no pagyaw ne ho fii Ahyiae Ntamadan no so, 12 enti Israelfo no fii Sinai sare so hɔ dii omununkum no akyi kosii sɛ ekogyinaa Paran sare so. 13 Bere a ɛsɛ sɛ wotu no duu no,
14 Akwantu no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuw no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na otuu wɔn frankaa ma wodii kan. 15 Wɔn a wodii so ne Isakar abusuakuw a Suar babarima Netanel di wɔn anim. 16 Sebulon abusuakuw na wodii hɔ a Helon babarima Eliab na na odi wɔn anim. 17 Wotutuu Ahyiae Ntamadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wofi Lewifo mu no soaa Ahyiae Ntamadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu.
18 Ruben abusuakuw tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur di wɔn anim. 19 Wɔn a na wodi so ne Simeon abusuakuw a Surisadai babarima Selumiel di wɔn anim; 20 Gad abusuakuw nso, na Deguel babarima Eliasaf na odi wɔn anim. 21 Na Kohatfo no nso na na wodi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Ahyiae Ntamadan no wɔ beae foforo hɔ ansa na wɔadu hɔ.
22 Wɔn a na wodi so ne Efraim abusuakuw a na wodi wɔn frankaa no akyi a Amihud babarima Elisama na odi wɔn anim; 23 Wɔn a na wodi so ne Manase abusuakuw a Pedahsur babarima Gamaliel di wɔn anim; 24 na Benyamin abusuakuw na na wodi so a Gideoni babarima Abidan di wɔn anim.
25 Wɔn a na wotwa to koraa no ne Dan abusuakuw a wɔyɛ wɔn nyinaa awɛmfo na Amisadai babarima Ahieser da wɔn ano na frankaa di wɔn anim. 26 Okran babarima Pagiel na na odi Aser abusuakuw anim, 27 na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuw anim. 28 Saa nhyehyɛe yi na Israel mmusuakuw yi faa so tuu wɔn kwan no.
29 Afei, Mose ka kyerɛɛ nʼase Hobab, Midiani Reuel ba se, “Eyi nyinaa akyi no, yɛrekɔ beae a Awurade kae se, ‘Mede bɛma mo no.’ Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yiye; efisɛ
30 Obuae se, “Dabi, merenkɔ; merekɔ mʼasase so ne mʼabusuafo nkyɛn.”
31 Nanso Mose kae se, “Mesrɛ wo, nnyaw yɛn. Wo na wunim faako a ɛsɛ sɛ yɛtena wɔ sare no so, na wubetumi ayɛ yɛn kwankyerɛfo. 32 Sɛ wo ne yɛn kɔ a, nneɛma pa a
33 Enti wofi Awurade Bepɔw so nantew nnansa. Awurade Apam Adaka no dii wɔn anim hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ maa wɔn. 34 Wofii wɔn akwantu no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na
35 Bere biara a wɔbɛma adaka no so asi mu no, Mose teɛ mu se,
36 Bere biara a wɔbɛsoɛ adaka no, ɔka se,