1 Da bi, Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Yerusalem baa Yesu nkyɛn. 2 Woduu hɔ no, wohuu sɛ nʼasuafo no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho. 3 Na Yudafo no, ne titiriw no Farisifo nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛnea wɔn amanne kyerɛ, ansa na wɔadidi. 4 Na sɛ wofi gua so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Eyi yɛ mmara bebree a wofi tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne kɔberesɛn mu.
5 Enti Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no bisaa Yesu se, “Adɛn nti na wʼasuafo no nni yɛn amanne a efi tete no so? Efisɛ wodidi a, wonni kan nhohoro wɔn nsa sɛnea amanne kyerɛ no.”
6 Yesu buaa wɔn se,
9
14 Afei Yesu frɛɛ nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se,
17 Afei Yesu fii nnipakuw no mu kɔɔ fie no, nʼasuafo no bisaa no asɛm a ɔkae no ase. 18 Obisaa wɔn se,
20 Ɔtoaa so se,
24 Yesu fi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a obiara nte ne nka, nanso anyɛ ye. Da a oduu hɔ ara pɛ, na nkurɔfo tee ne nka sɛ waba hɔ. 25 Ɛhɔ ara na ɔbea bi a honhommɔne hyɛ ne babea ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka nti, obebuu no nkotodwe. 26 Ɔbea no srɛɛ no sɛ ontu saa honhommɔne no mfi ne ba no mu mma no. Na saa ɔbea yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike.
27 Yesu ka kyerɛɛ no se,
28 Ɔbea no nso buae no se, “Owura, ɛyɛ nokware de, nanso ɛyɛ a wɔde aduan a aka wɔ mmofra no prɛte mu no bi ma akraman a wɔhyehyɛ ɔpon no ase no.”
29 Yesu ka kyerɛɛ no se,
30 Oduu fie no, ohuu sɛ ne babea no da mpa so dinn a honhommɔne no afi ne mu ampa ara.
31 Yesu fi Tiro no, ɔfaa Sidon mansin a emu nkurow yɛ du no so beduu Galilea Po so. 32 Wɔde ɔsotifo bi a ɔsan yɛ mum brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefo no, na ɔnsa no yare.
33 Yesu soo ne mu de no fii nnipakuw no mu. Afei ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasu de kaa ne tɛkrɛma. 34 Ɔhwɛɛ ɔsoro, guu ahome teɛɛ mu se, “Hefata!” Ase ne,
36 Yesu bɔɔ nnipakuw no ano se, wɔmmmɔ asɛm no dawuru nkyerɛ obiara. Nanso mpɛn dodow a ɔbraa wɔn no, na trɛw ara na wɔn nso wɔretrɛw asɛm no mu. 37 Saa asɛm yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Enti wɔkae se, “Yesu ayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo mpo te asɛm, na mum nso kasa!”
<- Marko 6Marko 8 ->