1 Yesu ne nʼasuafo no twaa ɔtare no koduu Gerasefo asase so. 2 Ɔresi afi ɔkorow no mu no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu de mmirika fi amusiei behyiaa no. 3 Na saa ɔbarima yi te abonna mu a obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere no bio. 4 Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yiye nti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa mpo a, otumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. 5 Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusiei hɔ mmepɔw no mu a, ɔde abo a ano yɛ nam twitwa ne ho.
6 Ɔbarima yi huu Yesu wɔ akyirikyiri no, otuu mmirika, bebuu no nkotodwe. 7 Ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, dɛn na wowɔ ne me yɛ? Onyankopɔn din mu, nyɛ me ayayade biara!” 8 Yesu teɛɛ honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no se,
9 Yesu bisaa no se,
11 Saa bere no na mprakokuw bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn baabi a ɛbɛn po no. 12 Enti ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.” 13 Yesu maa wɔn ho kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprakokuw bɛyɛ mpenu no de ahoɔhare sian bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn.
14 Mprakohwɛfo no guan baa nkurow a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa nea wɔahu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔtee no kɔhwɛɛ nea asi no. 15 Nnipakuw no duu faako a Yesu wɔ no wohuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwene mu atew no. Eyi maa wɔn ho dwiriw wɔn. 16 Wɔn a wohuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforo. 17 Afei nnipakuw no fii ase srɛɛ Yesu se, omfi wɔn man mu nkɔ!
18 Yesu reforo ɔkorow akɔtena mu no, ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ. 19 Nanso Yesu kae se,
21 Yesu de ɔkorow no twa baa po no fa baabi no, nnipakuw betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. 22 Asafopanyin a na wɔfrɛ no Yairo baa hɔ na ohuu Yesu no obuu nkotodwe, 23 srɛɛ no se ɔnsa ne babea yare mma no. Ofi ahoyeraw mu ka kyerɛɛ Yesu se, “Abofra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na onya nkwa.” 24 Yesu ne no kɔe a nnipakuw no di wɔn akyi.
25 Na ɔbea bi a watu mogya mfe dumien ka nnipakuw no ho. 26 Ɔde ne yare no akyin ayaresafo bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. 27 Na wate anwonwade a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno nti ɔde ne ho fraa nnipakuw no, de ne nsa besoo Yesu atade mu no. 28 Ɔdwenee ho kae se, “Sɛ mitumi nya ne ho kwan, de me nsa so nʼatade mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.” 29 Ampa ara, so a osoo nʼatade no mu pɛ na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no.
30 Amono mu hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afi ne mu. Ɔdan ne ho kyerɛɛ nnipakuw no bisae se,
31 Nʼasuafo no buae se, “Saa nnipakuw a obiara de ne ho twitwiw ne yɔnko yi na worebisa se,
32 Nanso ɔpɛɛ sɛ ohu onipa ko a osoo nʼatade mu no. 33 Bere a ɔbea no huu asɛm a asi no, ɔde ahopopo bebuu Yesu nkotodwe kaa nea ɔyɛe no kyerɛɛ no. 34 Yesu ka kyerɛɛ no se,
35 Ogu so rekasa akyerɛ ɔbea no, abɔfo fi Yairo fi bɛkae se, “Wo babea no awu; adɛn na woda so haw kyerɛkyerɛfo no?”
36 Yesu antie nea na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo se,
37 Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo fi hɔ, gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38 Bere a Yesu duu hɔ no, ohuu sɛ hɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwo. 39 Ɔkɔɔ ofi no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasae. Obisaa wɔn se,