1 Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Oduu hɔ no, ohuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu. 2 Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare ana. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yare a wɔbɛkyere no! 3 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no se ommegyina nnipa no anim.
4 Ɔdan ne ho kyerɛɛ nʼatamfo no bisaa wɔn se,
5 Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no sɛ wonni ahummɔbɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se,
7 Yesu ne nʼasuafo no fii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifi Galilea, Yudea, Yerusalem, 8 Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Efisɛ na nʼanwonwade a ɔyɛ no atrɛw mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no. 9 Ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔmpɛ ɔkorow bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ. 10 Da no, na wasa nyarewa bebree a ne saa nti na ayarefo no ba ara na wɔreba a wɔpɛe sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatade. 11 Bere biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi behu no no, wotwa hwe fam, wosow biribiri, ka se, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.” 12 Nanso ɔbɔɔ wɔn ano se, wɔnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ.
13 Yeau kɔɔ bepɔw so na ɔfrɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn. 14 Oyii wɔn mu dumien a daa wɔne no bɛnantew, na wɔakɔka asɛmpa no, 15 na wɔatu ahonhommɔne nso.
20 Ɔsan baa ofi a ɔte mu no mu no, nnipakuw bi san baa ne so bio. Ankyɛ koraa na hɔ nyinaa yɛɛ ma a onnya kwan koraa nnidi. 21 Ne fifo tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn fi efisɛ wɔkae se, “Ne ti mu ka no.”
22 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wofi Yerusalem bae no kae se, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panyin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na otu ahonhommɔne no.”
23 Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abebu mu se,
30 Ɔkaa saa asɛm yi efisɛ na wɔka se, “Ɔwɔ honhommɔne.”
31 Ogu so rekyerɛkyerɛ no, ne na ne ne nuanom begyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi se, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. 32 Saa bere no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”
33 Yesu bisaa wɔn se,
34 Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyia kae se,