1 Aka nnaanu na Twam[a] ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafo ahomegye nna no adu no, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ nyansa kwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no. 2 Nanso wɔkae se, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”
3 Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbea bi a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Otuu ano, hwie guu Yesu tirim.
4 Nea ɔbea yi yɛe no anyɛ nnipa a wɔte adidii no mu bi dɛ. Na wɔkae se wasɛe ngo no kwa. 5 Wɔkaa bio nso se, “Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi anya sika pii na wɔde ama ahiafo.”
6 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
10 Afei Yuda Iskariot, asuafo dumien no mu baako, kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛnea obeyi Yesu ama wɔn no ho. 11 Asɔfo mpanyin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Efi saa bere no, ɔhwehwɛɛ sɛnea obenya Yesu ho kwan, ayi no ama bere a ɛsɛ mu.
12 Apiti Afahyɛ no da a edi kan a wokum Twam Afahyɛ guan no, nʼasuafo bisaa no faako a wɔbɛkɔ akodi Twam Afahyɛ no.
13 Ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yerusalem se wonkosiesie baabi mma no. Nea ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ,
16 Asuafo baanu no sii mu kɔɔ kurow no mu, na wohuu biribiara sɛnea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wosiesiee Twam no wɔ hɔ.
17 Eduu anwummere no, Yesu ne dumien no bae. 18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae se,
19 Wɔn nyinaa werɛ howee, na wofii ase bisaa mmaako mmaako se, “Ɛyɛ me ana?”
20 Obuaa wɔn se,
22 Bere a wɔredidi no, Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae se,
23 Afei ɔfaa kuruwa a nsa wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi.
24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se,
26 Wɔtoo dwom wiee no, wofii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔw no so.
27 Woduu nea wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
29 Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da!”
30 Yesu ka kyerɛɛ no se,
31 Petro de anibere kae se, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kae.
32 Yesu ne nʼasuafo no duu faako a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se,
35 Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kobutuw fam, bɔɔ mpae se, sɛ ebetumi a, saa ahoyeraw no ntwa ne ho nkɔ. 36 Ɔkae se,
37 Ɔsan bae no, obehuu asuafo baasa no sɛ wɔadeda. Obisaa Petro se,
39 Ɔsan kɔɔ bio kɔbɔɔ mpae koro no ara. 40 Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behuu sɛ wɔadeda, efisɛ na wɔabrɛbrɛ. Na wonhu nea wɔnka nkyerɛ no.
41 Ɔsan baa ne mprɛnsa so no, obisaa wɔn se.
43 Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafo no mu baako ne dɔm a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin asoma wɔn ka ne ho a, wokurakura mfoa ne nkontimmaa baa hɔ.
44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dedaw se, “Nea mefew nʼafono no; ɔno ne nea morehwehwɛ no no. Monkyere no, na munso ne mu yiye mfa no nkɔ.” 45 Yuda kɔɔ Yesu nkyɛn kɔkae se, “Me Wura.” Afei ofew nʼafono, yɛɛ no atuu. 46 Ɛhɔ ara, na dɔm a wɔne Yuda nam no soo Yesu mu kyeree no. 47 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee nʼafoa de twaa Ɔsɔfopanyin no akoa bi aso ma ɛtewee.
48 Yesu bisaa wɔn se,
51 Aberante bi a ɔde nwera akata nʼadagyaw so dii nʼakyi. 52 Dɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ogyaw ne ntama no maa wɔn, de ne ho saa ara guanee.
53 Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanyin no anim no, ankyɛ na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi behyiaa hɔ. 54 Bere a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tew ne ho dii wɔn akyi, na owiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanyin no fi hɔ de ne ho kɔfraa asomfo bi a na wɔreto gya no mu.
55 Asɔfo mpanyin ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wobenya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso wɔannya bi. 56 Nnipa pii bedii adansekurum tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaa no bɔɔ abira.
57 Afei nnipa no bi kekaa nsɛm a enni mu too ne so se, 58 “Yɛtee sɛ ɔkae se, ‘Mebubu asɔredan a wɔde nsa na esii no, na mede nnansa asi foforo a wɔamfa nsa ansi!’ ” 59 Na eyi mpo, wɔn adanse no anhyia.
60 Ɔsɔfopanyin no sɔre gyinaa bagua no mfimfini bisaa Yesu se, “Eyi nso, wunni ho anoyi biara? Dɛn na wowɔ ka?”
61 Yesu ammua no. Afei, Ɔsɔfopanyin no bisaa no bio se, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no ana?”
62 Yesu buaa no se,
63 Eyi maa Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu kae se, “Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? 64 Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no. Dɛn na mowɔ ka?”
66 Bere a na Petro te adiwo hɔ no, Ɔsɔfopanyin no mmaawa no mu baako baa hɔ; 67 na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no se, “Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!”
68 Petro sanee se, “Minnim nea woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ofii adi kɔtenaa ɔkwan no ano baabi. Saa bere no na akokɔ bɔn nea edi kan.
69 Abaawa no san huu no wɔ hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no se, “Oyi nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafo no mu baako!”
70 Petro san bio. Ɛkyɛe kakra no, nnipa a wogyina ogya no ho no fii ase ka kyerɛɛ Petro se, “Woka wɔn ho, efisɛ woyɛ Galileani!”[b]
71 Petro fii ase kekaa ntam, dii nsew se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.”
72 Mpofirim, na akokɔ bɔn nea ɛto so abien. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no se,