1 Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yerusalem, na woduu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔw no ho no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu dii wɔn anim kan. 2 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
4 Asuafo baanu no sii mu. Wokohuu sɛ aboa no sa ofi bi abobow ano. Enti wɔsan no. 5 Wogu so resan no no, nnipa bi a wogyina nkyɛn bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan afurum ba no?” 6 Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn ase. 7 Wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu maa asuafo no de wɔn ntama guu aboa no so, maa Yesu tenaa no so. 8 Nnipakuw a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara. 9 Na Yesu di nnipakuw no mfimfini a wɔn nyinaa reteɛteɛ mu se,
11 Yesu koduu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefi hɔ, efisɛ, na onwini redwo enti ɔne asuafo dumien no kɔɔ Betania.
12 Ade kyee anɔpa a wɔrefi Betania hɔ no, ɔkɔm dee no. 13 Wɔkɔɔ kakra no, ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so ana. Nanso oduu hɔ no ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Saa bere no nso na ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no sow. 14 Yesu domee borɔdɔma dua no se,
15 Yesu san baa Yerusalem no, ɔkɔɔ hyiadan mu hɔ. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa, 16 siw kwan sɛ obiara mmedi gua wɔ hɔ bio. 17 Ɔka kyerɛɛ wɔn se,
18 Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo tee nea Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔw, pɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayi no afi hɔ. Asɛm a na ɛhaw wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yiye nso a, ɛde basabasayɛ bɛba, efisɛ na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no ato mu.
19 Sɛnea na wɔtaa yɛ no, anwummere no ara, wofii kurow no mu.
20 Anɔpa a asuafo no retwa mu wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wuhuu sɛ awu. 21 Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteɛɛ mu se, “Hwɛ, Kyerɛkyerɛfo! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!”
22 Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafo no se,
27 Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ hyiadan mu hɔ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne nkyɛn bebisaa no se, 28 “Tumi bɛn na wugyinaa so pam aguadifo no?”
29 Yesu nso buaa wɔn se,
31 Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka se, Onyankopɔn na ɔsomaa no a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni. 32 Na sɛ yɛka se ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a, dɔm no bɛhaw yɛn. Efisɛ wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”
33 Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yennim.”
-
a Nkamfo