1 Bere a Yesu sian bepɔw no, dɔm dii nʼakyi. 2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no srɛɛ no se, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”
3 Yesu teɛɛ ne nsa de kaa ɔkwatani no kae se,
5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu hɔ no, Roma asraafo ɔha so panyin bi baa ne kyɛn bebuu no nkotodwe kae se, 6 “Awurade, mʼabofra abubu gu hɔ a ɔrehu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me.”
7 Yesu ka kyerɛɛ no se,
8 Asraafo ha so panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, “Awurade, memfata sɛ woba me fi. Ka biribi na mʼabofra no ho bɛyɛ no den. 9 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, na mesan wɔ asraafo a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara ne no.”
10 Yesu tee saa asɛm no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdan nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi nʼakyi no se,
13 Yesu ka kyerɛɛ asraafo so panyin no se,
14 Yesu kɔɔ Petro fi. Ɔkɔtoo sɛ atiridii akyere Petro asebea ma ɔda hɔ. 15 Yesu soo ne nsa mu maa atiridii no tu fii no so. Ɔsɔre noaa aduan maa wɔn.
16 Saa da no anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkae no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yerae, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. 17 Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae se,
18 Yesu huu sɛ dɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wontwa ɔtare no nkɔ nʼagya nohɔ. 19 Ɛhɔ ara Yudani kyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi!”
20 Yesu buaa no se,
21 Asuafo no mu baako bɛka kyerɛɛ no se, “Owura, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa na mabedi wʼakyi.”
22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se,
23 Yesu saa nyarewa no wiee no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu na nʼasuafo no dii nʼakyi. 24 Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so. Nanso na Yesu de, wada. 25 Nʼasuafo no de nteɛteɛmu kɔɔ ne nkyɛn, konyan no kae se, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”
26 Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se,
27 Asuafo no ho dwiriw wɔn yiye. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”
28 Yesu ne nʼasuafo no duu asuogya wɔ Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so fii amusiei behyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka nti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ. 29 Wohuu no pɛ, wofii ase teɛteɛɛ mu se, “Onyankopɔn Ba, dɛn na worehwehwɛ afi yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayade wɔ bere a mmere no nsoe ana?”
30 Saa bere koro no ara mu, na mprakokuw bi redidi wɔ nkyɛn baabi. 31 Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, “Sɛ wutu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuw yi mu.”
32 Yesu teɛɛ wɔn se,