1 Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, 2
3 Saa bere no ara na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa fi, 4 retu agyina ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhu akyi. 5 Nanso wɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”
6 Afei Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani fi. 7 Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbea bi[a] a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den yiye toa ma baa hɔ, behwie guu Yesu tirim.
8 Asuafo no hui no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkae se, “Adesɛe yi ase ne dɛn? 9 Anka wobetumi atɔn srade huamhuam yi anya sika bebree de ama ahiafo.”
10 Yesu huu wɔn adwene na ɔka kyerɛɛ wɔn se,
14 Afei Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn 15 kobisaa wɔn se, “Sɛ miyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no dwetɛ mpɔw aduasa. 16 Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.
17 Apiti Afahyɛ da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yekodi Twam Afahyɛ no?”
18 Obuaa wɔn se,
20 Anwummere no na ɔne Dumien no te adidii. 21 Wɔredidi no ɔkae se,
22 Asɛm yi maa wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase bisabisaa mmaako mmaako se, “Awurade, ɛyɛ me ana?”
23 Yesu buae se,
25 Yuda a obeyi no ama nso bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛyɛ me ana?”
26 Bere a wɔredidi no. Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafo no kae se:
27 Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kae se,
30 Na wɔtoo dwom wiee no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so.
31 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
33 Petro buae se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da.”
34 Yesu buae se,
35 Petro pae mu kae se, “Mpo sɛ etwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafo no nyinaa nso kaa saa asɛm koro yi ara.
36 Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn se,
39 Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kobutuw fam bɔɔ mpae se,
40 Na ɔsan baa asuafo baasa no nkyɛn behuu sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no se,
42 Ɔsan gyaw wɔn hɔ nea ɛto so abien kɔbɔɔ mpae se,
43 Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behuu wɔn sɛ wɔadeda efisɛ na wɔn ani kum yiye. 44 Ɔsan kɔɔ mpaebɔ a ɛto so abiɛsa so kɔbɔɔ mpae kaa asɛm koro no ara.
45 Ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se,
47 Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako ne dɔm a Yudafo mpanyin asoma wɔn a wokurakura afoa ne nkontimmaa baa hɔ. 48 Na Yuda aka akyerɛ wɔn se, “Nea mefew nʼafono no ne onipa no; mokyere no” 49 Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kae se, “Me wura!” Na ofew nʼafono.
50 Yesu ka kyerɛɛ no se,
52 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Fa wʼafoa no to nea ɛda. Na wɔn a wɔtwe afoa no, afoa ano na wobewu. 53
55 Bere no mu ara na Yesu bisaa dɔm a wɔbaa ne so no se,
57 Afei dɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim, baabi a mmarakyerɛfo ne Yudafo mpanyin nyinaa ahyia hɔ. 58 Petro tew ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanyin no fi hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfo a wɔwɔ hɔ no mu se ɔrehwɛ asɛm a ebesi.
59 Asɔfo mpanyin ne Yudafo asennifo akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wobenya nnansefo bi a wobedi adansekurum ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ. 60 Nnipa bebree bedii adanse, nanso wohuu sɛ wɔredi adansekurumu, efisɛ na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira.
62 Ɔsɔfopanyin no sɔre bisaa Yesu se, “Dɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?” 63 Nanso Yesu ammua no.
64 Yesu ka kyerɛɛ no se,
65 Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu teɛɛ mu se, “Abususɛm! Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no! 66 Asɛm bɛn na mowɔ ka?”
67 Afei wɔtee ntasu guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotɔre 68 kae se, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo?”
69 Saa bere no na Petro te adiwo. Abaawa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mufi Galilea.”
70 Nanso Petro san se, “Minnim nea woreka yi ho hwee.”
71 Akyiri no, abaawa foforo bi hyiaa no wɔ ɔpon bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no se, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.”
72 Petro de ntam san bio se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.”
73 Ɛkyɛe kakra no, mmarima a wogyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ Petro se, “Yenim sɛ woyɛ nʼasuafo no mu baako, na wo kasa nso da wo adi sɛ woyɛ Galileani.”
74 Petro fii ase dii nsew, kekaa ntam se, “Minnim onipa no!”
-
a Maria a ɔyɛ Marta ne Lasaro nuabea (Yoh 12.3)