1
5 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Ade a merebɛyɛ yi,
10 Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiae Ntamadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tew ne nyinaa ho. 11 Ɔpetee afɔremuka no so mpɛn ason. Afei, ɔpetee nkuku a ɛwɔ afɔremuka no so no ne hweaseammɔ ne ne ntaamu ho de tew ho. 12 Afei, ohwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tew ne ho sɛ omfiti nʼadwuma ase. 13 Nea edi hɔ ne sɛ, Mose de batakari hyehyɛɛ Aaron mmabarima a nkyekyeremu ne kyɛw ka ho, sɛnea
14 Afei, ɔfaa nantwinini ba sɛ ɔde no rekɔbɔ bɔne ho afɔre. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu aboa no apampam. 15 Mose kum no. Ɔde ne nsateaa baako bɔɔ ne mogya mu de yɛɛ afɔremuka mmɛn nan no ho ne afɔremuka no ankasa ho de tew ho, na ohwiee mogya no nkae no guu afɔremuka no ase de tew ho sɛ mpata. 16 Ɔfaa nʼayamde ho srade ne ne mmerɛbo ho srade ne nʼasaabo abien no ne ɛho srade hyew ne nyinaa wɔ afɔremuka no so. 17 Nanso ɔhyew nantwinini ba no ne ne nwoma ne ne nsono wɔ nsraban no akyi sɛnea
18 Afei, ɔde odwennini no maa
22 Afei, Mose de odwennini baako a ɔyɛ asɔfohyɛ dwennini no bae. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu nʼapampam. 23 Mose kum no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti. 24 Ɔde mogya no bi yɛɛ Aaron mmabarima no nso aso nifa ase ne wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn anan nifa kokurobeti. Ɔde mogya no nkae petee afɔremuka no ho nyinaa. 25 Afei, ɔfaa srade no, ne dua, ne ne mu srade, ne bɔnwoma kotoku, nʼasaabo abien no ne ɛho srade ne ne srɛ nifa no. 26 Na ɔde saa brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu no baako nso ne brodo ntrantraa no baako a wɔde ngo agu so ne brodo ntrantraa baako a wɔfaa ne nyinaa fii kɛntɛn a wɔde besii hɔ wɔ
30 Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔremuka no so no bi de petee Aaron ne ne mmabarima ntade mu de tew Aaron ne ne mmabarima ne wɔn ntade ho maa
31 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima no se, “Monnoa nam no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na momfa nni brodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔde wɔ mu no sɛnea meka kyerɛɛ mo no. 32 Nam ne brodo biara a ɛbɛka no, monhyew. 33 Bio, ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano nnanson, mfa nwie asɔfohyɛ dwumadi no. 34 Mose kaa bio se nea ɔyɛɛ no da no nyinaa no,
36 Enti Aaron ne ne mmabarima dii nsɛm a