1 Eyi akyi no Yesu kyinkyinii wɔ Galilea. Wampɛ sɛ obekyinkyin wɔ Yudea, efisɛ na Yudafo mpanyin no rehwehwɛ no akum no. 2 Bere a Yudafo Asese Afahyɛ no reyɛ adu no, 3 Yesu nuanom ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wufi ha san kɔ Yudea sɛnea ɛbɛyɛ na wʼakyidifo behu nsɛnkyerɛnne a woyɛe no. 4 Sɛ obi pɛ sɛ ogye din a ɔmmfa ne nneyɛe nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hu ne nneyɛe.” 5 Na nʼankasa ne nuanom mpo nnye no nni.
6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
10 Yesu nuanom kɔɔ akyi no na ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wanna ne ho adi wɔ hɔ. 11 Yudafo mpanyin no hwehwɛɛ no wɔ afahyɛ no ase na wɔanhu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?”
12 Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu efisɛ na wosuro Yudafo mpanyin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.”
14 Afahyɛ no duu ne mpɔmpɔnso no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛe. 15 Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, “Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”
16 Yesu buaa wɔn se,
20 Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hena na ɔrehwehwɛ wo akum wo?”
21 Yesu buaa wɔn se,
25 Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisae se, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne nea wɔpɛ sɛ wokum no no ana? 26 Ɔno na ɔrekasa wɔ bagua mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei de mpanyimfo no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no? 27 Yenim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ofi bae nanso saa onipa yi de, yenim faako a ofi.”
28 Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔkaa no dennen se,
30 Nʼano sii no, wɔpɛe sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ. 31 Nnipa no mu fa kɛse no ara gyee no dii na wobisae se, “Sɛ Agyenkwa no ba a obetumi ayɛ anwonwade bebree sen nea ɔbarima yi ayɛ no ana?”
32 Farisifo no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfo mpanyin no somaa hyiadan awɛmfo bi se wɔnkɔkyere Yesu mmra.
33 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se,
35 Bere a Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhefa na ose ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafo nkurow a Yudafo tete mu no mu akɔkyerɛkyerɛ wɔn? 36 Sɛ ɔka se,
37 Afahyɛ no da a edi akyi a ɛyɛ da titiriw no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa dennen se,
40 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kae se, “Ampa ara onipa yi ne odiyifo no!”
41 Afoforo nso kae se, “Ɔno ne Kristo no!”
45 Asomfo no san kɔe no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moamfa no amma?”
46 Asomfo no buae se, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwonwa na yɛntee bi da.”
47 Farisifo no san bisaa asomfo no se, “Mo nso wadaadaa mo ana? 48 Moahu sɛ mpanyimfo anaa Farisifo no bi agye no adi ana? 49 Dabi, ɛremma sa, na mmom ɛyɛ wɔn a wonnim mmara no na wɔadome wɔn no na wobegye no adi.”
50 Saa bere no na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi owiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi. 51 Ɔno na obisae se, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yebu obi fɔ wɔ bere a yɛntee nʼanom asɛm, nhuu nea wayɛ ana?”
52 Wobuaa no se, “Wo nso wufi Galilea ana? Hwehwɛ Kyerɛwsɛm no mu yiye na wubehu sɛ odiyifo biara rentumi mfi Galilea da.”
53 Afei obiara fii hɔ kɔe a wɔantumi ansi gyinae biara.
<- Yohane 6Yohane 8 ->