1 Yesu huu se Farisifo no ate sɛ nnipa pii reba ne nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sen sɛnea nnipa kɔ Yohane nkyɛn, 2 a na ɛnyɛ Yesu ankasa na ɔbɔ asu no, na mmom nʼasuafo no na wɔbɔ asu. 3 Enti ofii Yudea san kɔɔ Galilea.
4 Ɔrekɔ no na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria. 5 Ɛbɛyɛ sɛ owigyinae no, na Yesu abɛn Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. 6 Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa bere no bɛyɛ awia nnɔndumien.
7 Ankyɛ na Samarianibea bi baa hɔ bɛtow nsu maa Yesu srɛɛ no sɛ,
9 Samarianibea no ka kyerɛɛ Yesu se, “Ɛyɛ me nwonwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsu afi me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ.
10 Yesu buaa no se,
11 Ɔbea no bisae se, “Owura, wunni hama, nni bokiti; abura yi mu nso dɔ yiye, na ɛhe na wubenya saa nkwa nsu no afi? 12 Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Yakob a otuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nguan ne nʼanantwi nom mu nsu bi no ana?”
13 Yesu buaa no se,
15 Ɔbea no srɛɛ no se, “Owura, ma me saa nkwa nsu yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛtow nsu.”
16 Yesu ka kyerɛɛ no se,
17 Ɔbea no buaa no se, “Me wura, minni kunu.”
19 Ɔbea no kae se, “Owura, mihu sɛ woyɛ odiyifo. 20 Yɛn agyanom Samariafo som Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so, nanso mo Yudafo de, moka se Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Nyankopɔn.”
21 Yesu ka kyerɛɛ no se,
25 Ɔbea no ka kyerɛɛ no se, “Minim sɛ Agyenkwa no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”
26 Yesu ka kyerɛɛ no se,
27 Yesu ano sii pɛ na nʼasuafo no san bae. Ɛyɛɛ asuafo no nwonwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbea bi redi nkɔmmɔ. Nanso wɔn mu biara ammisa ɔbea no nea ɔrehwehwɛ ne Yesu nso, nea enti a ɔne saa ɔbea no redi nkɔmmɔ no.
28 Afei ɔbea yi gyaw nʼasuhina no hɔ san kɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfo se, 29 “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kokoa mu nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa ɔno ne Agyenkwa no?” 30 Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.
31 Afei asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, didi.”
32 Yesu buaa wɔn se,
33 Ɛmaa asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Obi abrɛ no aduan bi ana?”
34 Yesu buae se,
39 Esiane adanse a Samarianibea no di faa Yesu ho se, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no nti, kurow no mu hɔfo pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no. 40 Enti bere a Samariafo no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnaanu wɔ wɔn nkyɛn. 41 Ne nsɛm no nti nnipa bebree gyee no dii.
42 Nnipa a wogyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɛnyɛ adanse a wubedii no nti na yegye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no nti na yɛagye no adi. Na yenim sɛ ɔno ne wiase Agyenkwa no.”
43 Nnaanu akyi no, Yesu fii kurow no mu kɔɔ Galilea. 44 Ɛwɔ mu sɛ na Yesu aka se, “Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne man mu” de, nanso 45 esiane nea Galileafo a wɔwɔ Yerusalem wɔ Twam Afahyɛ bere no mu no huu nea Yesu yɛe no nti, oduu Galilea no wogyee no.
46 Ɔsan kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsu dan nsa hɔ no bio. Yesu wɔ hɔ no ɔhene somfo panyin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no 47 tee ne nka sɛ ofi Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kohuu Yesu, srɛɛ no se ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yare mma no.
48 Yesu kae se,
49 Ɔsomfo panyin no de ahoyeraw ka kyerɛɛ no se, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a me ba no bewu.”
50 Yesu ka kyerɛɛ no se,
53 Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaa se ɛyɛ saa bere koro no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no se,
54 Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fii Yudea baa Galilea no ɔyɛe.
<- Yohane 3Yohane 5 ->